Apɔtrɔ ne Ͻwɔ
John Emongot
Rob Owen

Emerε a atwam no, na Apɔtrɔ ne Ͻwɔ yε nnamfonom.

Wɔn fie bεn ho nti na wɔn ma di agorɔ bom.

1

Da bi, Apɔtrɔ ka kyerεε Ͻwɔ sε, "Madamfo Me pεsε me kɔ kɔsra me maame nnawɔtwe a εreba no. Wo ne me bεkɔ anaa?"

2

Ͻwɔ bua no sε, "Ɛyε me anigye sε me ne wo bεkɔ. Ɛneε yεn boaboa yεho wɔ akwantuo yi mu, Apɔtrɔ de too so."

Afei yεn nhwehwε obi a yεde yεn akyi bεgya no bere a yεn ni hɔ no.

3

Wɔn ka kyerεε Adoe sε ɔnhwε akyire efirisε ɔkuta suban pa.

Adoe gye too mu.

4

Nna kakra akyi no, nnamfonom baanu yi boa boa wɔn ho sε wɔbε tu εkwan no.

Apɔtrɔ boa nkanka ano wɔ bɔtɔ keseε mu. Ne maame pε nkanka paa.

5

Da no duru hɔ no nnamfonom sii mu ahomakye. Ankyε koraa na wɔn duruu kwaeεbirentuo no mu.

Kwaeεbirentuo no mu no, Npuro bebree tu gu won so.

6

Ͻwɔ ho firi aseε wosoe efirisε na osuro.

Ͻteateamu guu npuro no so, nanso wɔn toaso twe bεn ɔwɔ no.

7

Npuro no yεε wɔn adwene sε ɔbεto ahyε wɔn so, mpofirimu ara na Apɔtrɔ boom keseε paa.

Ɛhuu hyεε Npuro no mu, enti wɔn nyinaa dwaneeε.

8

Ankyε koraa na nnamfonum mmienu yi duru Apɔtrɔ maame fie, na wabrε yei, afei nso na εkɔm de wɔn.

Apɔtrɔ maame maa wɔn kεtε so tenaeε, εberε a na ɔpε aduane ama wɔn adi.

9

Aduane no ben yε no, Apɔtrɔ ne Ͻwɔ hohoro wɔn nsa tenaa ase didii.

10

Ansah na wɔn bε didi no, Apɔtrɔ kaa sε, "Ͻwɔ, wo ntumi nna hɔ brε a wo didi. Ɛnyε εkwan papa. Mesrε wo me maame bu bε fu."

11

Ͻwɔ bɔɔ mmɔden tenaa ase tesε apɔtrɔ, nanso anfa.

12

Bere Korɔ no na Apɔtrɔ ne ne maame ahyε aseε redidi.

13

Ͻwɔ paa Apɔtrɔ kyεw. "Me ntumi ntenase yie." Nanso

Apɔtrɔ antie no.

14

Ͻwɔ teetee enti ɔyεε nadwene sε ɔbε san akɔ efie.

Wankra apɔtrɔ nom.

15

Ͻrekɔ fie no, ɔyε nadwene sε ɔbεkyerε Apɔtrɔ nyansa!

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Apɔtrɔ ne Ͻwɔ
Author - John Emongot
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Rob Owen
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs