Nnanfofoɔ nkumaa mmienu
Belainesh Woubishet
Jesse Pietersen

Na apɔnkye ba ne ɔsebɔ ba yɛ nanfofoɔ.

1

Wɔn kɔ asasetam so kɔ di agorɔ.

2

Na wɔn kyɛɛ bere a na ɛsɛsɛ ɔsane ba fie no.

3

Apɔnkye ba no bɛka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Nani agye paa efirisɛ w'akɔ nya adanfoɔ a neho yɛ fɛ enti wɔn bɛ san ahyia bio ɔkyena."

4

Ne maame bua no sɛ, "Oo meba ɛyɛ medɛ sɛ wasan aba asomdwie mu. Ɔnyɛ yɛn adanfo. Ma ɛnkɔ nkɔhyia no ɔkyena."

5

Saa bere koro noa, ɔsebɔ ba no nso ka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Nani agye sɛ ɔkɔ hyia apɔnkye ba a na neho yɛ fɛ a wɔn ahyehyɛ ho sɛ wɔn bɛ hyia ɔkyena.''

6

Ɔsebɔ maame no bua se no sɛ, "Oo me ba, kafra, adɛn na wo gyae no maano kɔe na wawe no. Sɛ wo hyia no ɔkyena a, kum no na weno."

7

Adeɛ kyee no, ɔsebɔ ba no kɔɔ apɔnkye ba no akurase kɔ hwehwɛɛ no.

8

Apɔnkye ba no anpue anba abɔnten. Na ɔne ne maame tetɛɛ wɔn fie hɔ.

9

Ɔsebɔ ba no tea mu, "Yɛn kɔ ɛkɔdi agorɔ wɔ asasetam no so."

10

Apɔnkye ba no kaa sɛ, "Yɛ nyɛ nnanfofoɔ biem. Ma tiee me maame. Mmofra papa biara tie wɔn maame asɛm."

11

Ɔsebɔ ba no werɛho. Na ɔsan kɔ ne maame nkyɛn.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Nnanfofoɔ nkumaa mmienu
Author - Belainesh Woubishet
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Jesse Pietersen
Language - Asante Twi
Level - First sentences