Nnoe ne ɛpɛ berɛ
Alice Edui
Salim Kasamba

Na ɛpɛ a ano yɛ den asi asaase nyinaa so. Ɛserɛ ne nnua nyinaa ahye.

Nsutene awe ama ɛntumi ntene bio. Na aduane ne nsuo a wɔnom mpo nni hɔ.

Yei maa nnipa, anantwie ne wuram mmoa nyini anyɛ fɛ.

1

Ɛkɔm ade nnoe ahodoɔ a wɔtete mmepɔ no so ama wɔnam so awuwu.

Da bi, adoe baako yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛtu anammɔn akɔpɛ baabi a ɛpɛ ɛnsii hɔ.

2

Adoe no tuu kwan kyɛree yie.

Ɔfaa wuram, foroo mmepɔ sane hurihuri abotan nyinaa so.

3

Na nea ɛkɔbaeɛ ara ne sɛ, adoe no kɔpuee baabi a wɔfrɛ hɔ Tirkol.

4

Adoe no kɔhunuu nnuaba ahodoɔ ne nsutene wɔ Tirkol.

5

N'ani gyee yie. Adoe no tenaa hɔ didii nuaba ahodoɔ no bi nyinii fɛfɛɛfɛ.

Na ɔdware nsutene no mu dabiara.

6

Ɔtenaa hɔ kakra no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛsan akɔ ne nkyi. Ne botaeɛ nyinaa ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔkɔhwɛ nea wɔatumi agyina ɛkɔm a ɛbaeɛ no ano.

Ɔfaa nnuaba bebree na ɔde n'ani kyerɛɛ kwan a wafa so dada no so.

7

Ɔdruu mmepɔ no so no nnoe no a wɔwɔ ahoɔden no nyinaa bɛhyiaa no maa no akwaaba.

8

Na obiara pɛ aduaba a ɔde baeɛ no bi adi.

Wɔbisaa no sɛ, "Saa beaeɛ no wɔ henefa? Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛkɔ hɔ bi."

9

Adoe no dii Tirkol hɔ adanseɛ kyerɛɛ wɔn ma ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔde wɔn bɛkɔ hɔ bi.

10

Nnnoe no nyinaa kɔtenaa Tirkol kɔtoaa wɔn abrabɔ so wɔ hɔ.

Wɔdii nse kaa ntam sɛ wɔntu wɔn nnan nsi mmepɔ no so bio.

11

Ankyɛ koraa na nnoe no a wɔtete Tirkol dada no hunuu sɛ nnoe no a wɔfiri mmepɔ no so nso abɛka wɔn ho.

12

Tirkol nnoe no dii abooboo sɛ wɔn nnuaba no bɛsa. Yei nti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ.

Wɔbɛpamo nnoe no a wɔfiri mmepɔ no so ama wɔasan akɔ wɔn nkyi.

13

Dakoro bi, na nnoe no a wɔfiri mmepɔ no so renom nsutene no bi, Ɛhɔ ara na Tirkol nnoe no de mmaa toaa wɔn.

Na wɔpɛ sɛ wɔpamo wɔn firi wɔn kurom hɔ.

14

Nanso wɔreyɛ abɛto wɔn no na nnoe no mu panin sane firi dua bi so te sii fam.

Ɔbisaa nnoe no sɛ, "Adɛn nti na mopɛ sɛ moko? Aduane pii wɔ hɔ ma yɛn nyinaa."

15

Nnoe no nyinaa hunuu sɛ nokwaresɛm pa ara na adoe panin no kaeɛ no.

Ɛfiri saa berɛ no, Tirkol nnoe ne nnoe a wɔfiri mmepɔ no so tenaa asomdwoeɛ mu a wɔanko bio.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Nnoe ne ɛpɛ berɛ
Author - Alice Edui
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Salim Kasamba
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs