Magozwe
Lesley Koyi
Wiehan de Jager

Nairobi kurowpɔn no fa baabi a atew ne ho afi kurow no mu na mmarimaa bi a wonni ahwɛfo de yɛɛ wɔn atenae. Wɔn de, sɛnea ade bɛkye wɔn nko ara na wɔhwɛ anim. Da koro anɔpa bi na mmarimaa no rehyehyɛ wɔn kɛtɛ a wɔdedaa so no wɔ petee mu baabi a na ɛhɔ yɛ wiridudu. Sɛnea ɛbeyɛ a wɔn ho bɛyɛ hyew no nti, wɔboaboaa wura ano sɔɔ gya toe. Na abarimaa bi a wɔfrɛ no Magozwe ka mmarimaa kuw yi ho. Ɔno ne akumaa koraa wɔ kuw no mu.

1

Bere a Magozwe awofo wui no na wadi mfe anum pɛ. Ɔkɔtenaa ne wɔfa nkyɛn. Saa ɔpanyin yi antew n'ani anhwɛ abofra yi yiye. Na aduan a ɔde ma no nnɔɔso. Nso na ɔma abofra no yɛ adwumaden ahorow pii.

2

Sɛ Magozwe nwiinwii anaasɛ obisa asɛm bi a, ɛhɔ ara na ne wɔfa yi ahwe no. Sɛ Magozwe bisa no se obetumi akɔ sukuu a, ne wɔfa no hwe no ka kyerɛ no se, "Wunni nyansa a wɔde sua ade biara." Magozwe antumi saa aninyansɛm a na ne wɔfa de no fa so no anim. Enti mfe abiɛsa akyi no, oguan kɔtenaa abɔnten so bɔɔ ne bra.

3

Abɔnten so tena abrabɔ yɛ bɔna enti mmarima no fa kɛse ara na wɔbrɛ ansa na wɔanya wɔn ano aduan. Ɛtɔ bere bi a wɔkyere wɔn, bere bi wɔ hɔ nso a wɔhwe wɔn. Sɛ yare bɔ wɔn a wonnya ɔhwɛfo biara na waboa wɔn.  Ade a na kuw no yɛ de pɛ sika ne sɛ wɔbɛtontɔn nneɛma bi a wɔde aman ayeyɛ ne afoforo a yɛde abɔ bra atow agu na wɔasesa adan ani de ayɛ ade foforo. Ade a na âsan ma ɔbra mu yɛ den bio nso yɛ ntɔkwaw a akuwakuw bi a wɔwɔ kurowpɔn mu hɔ a wɔne wɔn ho wɔn ho nka de gyina mu, pere sɛ wɔbegye kurow no mmeaemmeae bi abɔ so.

4

Da koro bi Mogozwe rewhehwɛ ade a wɔde wura gu mu, ɛnna ohuu abasɛm nhoma dedaw bi a atetew. Ɔpepaa fi a ɛwɔ ho no de hyɛɛ ne kotoku mu. Daa ne daa ɔfa nhoma no hewhwɛ mfoni a ɛwɔ mu no. Onnim sɛnea wɔkenkan nsɛm a ɛwɔ mu no.

5

Na mfoni no ka abarimaa bi a onyin bɛyɛɛ wimhyɛnkafo ho asɛm. Na ɛyɛ Magozwe adaeso sɛ anka ɔbɛyɛ wimhyɔnkafo. Ɛtɔ bere bi a, ɔfa ne ho sɛ ɔno ne abarimaa no a ɔwɔ abasɛm no mu no.

6

Da bi awɔw mu na Magozwe gyina kwan mu resrɛsrɛ sika. Ɔbarima bi kɔɔ ne nkyɛn kae se, "Awɛ, wɔfrɛ me Thomas. Ɔbarima no kɔɔ so kae se, m'adwuma mu wɔ ha yi ara, wubenya biribi adi wɔ hɔ. Ɔde ne nsa kyerɛɛ ɔdan bi a wɔde akokɔsrade aka ho na ne nkankyee a ɛbɔ so no yɛ bluu. Obisaa no se migye di sɛ wobɛkɔ hɔ akogye aduan anaa?"  Magozwe hwɛɛ ɔbarima no anim san hwɛɛ ofi no na obuae se, "Ebia," na ofii hɔ kɔe.

7

Asram a edidi so no nyinaa mu na mmarima a wonni tenabea wɔ ofi mu no ani aka Thomas anim enti no wɔkɔhwehwɛ no. Na nkɔmmɔ a ɔne wɔn di no ara fa nkurɔfo a wɔde abɔnten so ayɛ wɔn tenabea no ho nsɛm. Na Thomas tie abasɛm a ɛfa nkurɔfo abrabɔ ho. Ɔyɛ obi a ɔmfa asɛm nni agoru na ɔwɔ ntoboase nso, na ɔnyɛ ahomaso anaa obi a ommu ade. Mmarimaa no bi hyɛɛ ase kɔgye aduan wɔ ofi a wɔaka ho akokɔsrade na ne mmɔso no yɛ bluu awia nnɔndumien.

8

Na Magozwe te abo nsɔwee so rehwɛ ne mfoni nhoma no mu na Thomas bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaa no se, "Mfoni no ka dɛn ho asɛm?" "Ɛfa abarimaa bi a ɔbɛyɛɛ wimhyɛnkafo ho asɛm." "Abarimaa no din de dɛn?" Thomas bisaa abarimaa do din. Magozwe kaa no brɛoo se, "Minnim, mintumi nkenkan."

9

Bere a wohyiae no Magozwe fii ase kaa n'ankasa abrabɔ mu nsɛm kyerɛɛ Thomas. Na asɛm no fa ne wɔfa ho, ne nea enti a oguan fii ne nkyɛn. Thomas ankasa bebree ɛnna wankyerɛ Magozwe nea ɛwɔ sɛ ɔyɛ, na mmon otiee no aso pa mu. Ɛtɔ bere bi na sɛ wɔredidi wɔ ofi a ne mmɔso yɛ bluu no hɔ a, wɔbɔ nkɔmmɔ.

10

Aka kakraa na Magozwe awoda a ɛto so du adu so no, Thomas maa no abasɛm nhoma foforo. Na ɛfa abarimmaa bi a ofi akuraase na onyini bɛyɛɛ bɔɔlbɔni na ne din hyetaa wɔ mmaa nyinaa ho. Thomas kenkan abasɛm no kyerɛɛ Magozwe mpɛn pii na afei de, da koro bi ɔkae se, "Medwene sɛ bere adu sɛ wokɔ sukuu kosua akenkan ne akyerɛw na wodwene ho dɛn?" Thomas kyerɛɛ mu sɛ, onim baabi a mmofra tumi kɔtena kɔ sukuu.

11

Magozwe de beae a wɔka ho asɛm ne sukuu a ɔrebɛkɔ no ho asɛm kɔɔ adwendwene mu. So ɛyɛ ampa sɛnea na ne wɔfa reka sɛ ɔyɛ kwasea a ontumi nsua hwee no anaa? Afei koraa nso sɛ wɔboro no wɔ atenae foforo no hɔ ɛ? Ehu fii ase kaa no. Ɔdwenee sɛ ebia abɔnten so tena no mmom bɛyɛ papa ama no.

12

Ɔkaa ehu a abɔ no no ho asɛm kyerɛɛ Thomas. Bere ne bere nyinaa ɔbarima yi ma no nkuranhyɛ sɛ n'abrabɔ bɛyɛ kama wɔ beae foforo hɔnom.

13

Ɛno nti Magozwe tu kɔtenaa ofi a ne mmɔso no yɛ ahabammono hɔnom. Na ɔne mmarimaa baanu na wɔda dan mu hɔ. Na mmofra a wɔte ofi hɔ no nyinaa yɛ du. Na Autie Cissy ne ne kunu te hɔ bi ne wɔn nkraman abiɛsa, agyinammoa ne abirekyi a wanyin yiye ka wɔn ho.

14

Magozwe fii sukuu no ase no, na adesua mu yɛ den ma no. Na nneɛma pii wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ osua sɛnea ɛbɛyɛ na obetumi atiw asuafo adadawfo no. Ɛtɔ bere bi a na ɔpɛ sɛ anka ogyae koraa. Nanso, ɔkaee asɛm a ɛfa wimhyɛnkafo no ne bôllbɔni no ho wɔ abasɛm nhoma no mu no. Sɛnea na nkurɔfo baanu yi abrabɔ te mfiase no hyɛɛ no nkuran se ɔno nso gyina pintinn a ɔbɛyɛ te sɛ wɔn ara pɛ.

15

Na Magozwe te ofi a ne mmɔso yɛ ahobammono no adiwo hɔ a ɔrekenkan abasɛm nhoma a ɔde fi sukuu bae no. Thomas bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaa no se, "Abasɛm nhoma yi ka dɛn ho asɛm?" Magozwe buae se, "Ɔka biribi fa ɔkyerɛkyerɛfo ho." Thomas bisaa se, "Abarimaa no din de dɛn?" Magozwe nwennwenee se, "Ne din de Magozwe."

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Magozwe
Author - Lesley Koyi
Translation - Michael Baah-Agyeman
Illustration - Wiehan de Jager
Language - Akuapem Twi
Level - Read aloud