Ɔhempɔn Kayanja Ne Ne Babea
Amana Yunus
Natalie Propa

Mmere bi a atwam, ɔhempɔn bi tenaa ase a na wɔfrɛ no Kayanja. Na ɔne ne hemmea ne wɔn babea a wɔfrɛ no Apenyo na na wɔte ahemfi. Na ɔhene babea no ho yɛ fɛ sɛ ɔsɔɔnɔ a ɔbarima biara pɛɛ sɛ ɔbɛware no. Nanso n'agya de atwamene bow too ne ba no tiade no so.

1

Ɔhempɔn Kayanja ahemfi nkyɛn pɛɛ na ɔhene bi a na wɔfrɛ no Aludah a wɔbɔ no mmaran se "Ɔkɛse" nso te. Na wɔbɔ no mmaran ɔkɛse efisɛ na obiara a ɔte mpɔtam hɔ de nidi ma no. (Sɛ obi anni n'asɛm so a, ɛno de, ɔne onii no di no nwenenwene efisɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfo!). Na ɔhene Aludah wɔ yere na nnansa yi ara na ɛnam atiridii yare bi a ɔbɔɔ no nti ɔhweree ne nkwa enti na ɔrepɛ yere foforo.

2

Ɛno nti ɔhene abasiriwa kakraka yi kɔhuu ɔhempɔn Kayanja sɛ ɔrebetu ne babea soonɔ no tiade aware no. Bere a na mmarima baanu yi reka tiade no ho asɔm no, na ɔhempɔn no afenaa a wɔfrɛ no Kakembo a na ɔbɛn wɔn no tee. Na afenaa yi ne Apenyo ka pa ara.

3

Ɔhene Aludah penee so sɛ ɔde n'ahonyade mu fa bɛma ɔhempɔn Kayanja na afei watua pane a ɛka tiade no ho no nso aka ho. Wɔyɛɛ ahoboa sum ase wɛ bere a wɔbɛyɛ ayeforo ama ɔhene Aludah ne ɔhene babea Apenyo. Na ɔhempɔn no nim sɛ ne babea no ani nnye saa adwene a wafa no ho.

4

Aka nnawɔtwe na adehye ayeforohyia no adu so no, ɔhempɔn no afenaa Kakembo kɔɔ Apenyo hɔ. Kakembo kɔ see no sɛ, "Ɔhene babea dɔfo pa, w'agya ahyehyɛ ayeforohyia ama wo ne ɔhene Adulah na ɛbaba so nnawɔtwe a ɛreba yi ara."

5

Ɔhene babaa Apenyo ho dwiriw no yiye a na mfiase no onhu nea ɔnyɛ. Na ɔkaa n'adwene mu se, "Menware ɔhene Adulah da, saa akwakora kakraka no. Dabida! Ɛsɛ sɛ mekɔhu Trevor na yehu kwan a yɛbɛfa so ansa na biribiara aka akyi."  Na Trevor yɛ ɔhenebabea no mpena.

6

Da no anadwo no ara Apenyo wiaa ne ho fii ahemfi hɔ. Sɛ n'agya hu sɛ ɔrekɔ baabi a ne bo befuw yiye. Oguan faa kwaebirentuw bi mu tratraa botan faa mfofo mu kosii sɛ akyire yi, obeduu Trevor hɔ. Bere a oduu ne fie hɔ no, na wabrɛ, afei nso na ɔkɔm ne sukɔm de no.

7

Trevor bisaa no se, "Me dɔ adɛn nti na wo nko ara atu mmirika afa ɔkwan tenten yi so anadwo a ɛte sɛɛ mu?" Ɔmaa no nsu nomee na ɔmaa no gyee n'ahome. Na Trevor pɛ sɛ Apenyo bɔ n'amanneɛ ansa na watena ase.

8

Trevor bisae se, "Me dɔfo ɔhene babea, ɛyɛ asɛm bɛn?" Apenyo guu ahomekoko na ɔkasaa awerɛhow mu se, "Magya pɛ sɛ ɔde me ma ɔhene Aludah Ɔkɛse aware. Nanso saa ɔbarima a ne ho huhuuhu sɛɛ de mintumi nware no. Trevor, sɛ ahia wo mpo a, wo ara na mɛware wo. Mayɛ krado sɛ amane biara ɛwɔ ho biara mɛfa mu. Medɔ wo."

9

Trevor maa ne nne so kae se, "Nanso ɔhene babea, wo ara wunim sɛ minni sika a mede betua wo tiade, meyɛ abarimaa hianiwa." Apenyo bua kae se, "Minim, nanso wo nko ara na metumi aware wo. Ɔdwenee asɛm no ho kakraa na ɔkae se, ma yânkɔ Kategga a ɔde ɔkorow twa nnipa fa asu so no, na ɔmfa yɛn ntwa nkosi asu no agya hɔ. Saa kwan yi so na yɛbɛfa aguan a m'agya renhu yɛn akyi bio."

10

Yɛba ahemfi hɔ a, ɔhempɔn Kayanja ahu sɛ, ne babea aguan ama waka akyerɛ ne nkoa sɛ wonkɔ nkuraa no ase baabiara nhwehwɛ no mmra. Ɔhempɔn awɛmfo, asraafo ne obiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ bi de wɔn ho hwee mu nanso ɔkwa, wɔanhu ɔhene babea Apenyo baabiara. Wɔsan kobo ɔhempɔn no amaneɛ se, wɔanhu no baabiara. Ɔhempɔn Kayanja de abofuw hyɛɛ wɔn sɛ, "Ɛnde monkɔ wuram nkɔhwehwɛ no mmra."

11

Bere a na ɔhene babea no ne Trevor de ammirika reguan akɔ asu no agya no, na mununkum tuntum aba wim. Ahum a ano yɛ den nso yii ne ti.

12

Na osutwafo Kategga repɛ baabi de ne kurɔaw no abɔ dua mu ɛnna mmabun baanu no baa ne nkyɛn. Trevor ka kyerɛɛ osutwafo no sɛ ɔmfa wɔn ntwa asu no. Kategga kae se, daabi, efisɛ wahu sɛ ahum kɛse bi atu reba a ɛyɛ hu yiye.

13

Trevor kɔɔ so kyerɛɛ no sɛnti a ose ɔmfa wɔn ntwa no. Afei ɔde nsa hyɛɛ ne kotuku mu fee yii sedeɛ a ɔde bɛma Kategga. Kategga penee so bere a ohuu sede fɛfɛ no, na afei nso ɔtee wɔn akosɛm no. Mmom na ne yam hyehye no ma wɔn. Ɔpenee sɛ ɔde wɔn betwa asu no, ɛmfa ho ne wim a aye basaa no.

14

Ahum a ano yɛ den bi bɛwosow ɔkorow no a Kategga antumi anyɛ ho hwee. Ɔhempɔn Kayanja teɛm denneenen se, "Apenyo, mepa wo kyɛw san w'akyi bra! Mede wo mfomso akyɛ wo na menna mentwe wo ne Trevor aso dabiarada." Afei Kategga twee ɔkorow no kɔɔ asu no ano na ɔka kyerɛɛ wɔn se, wonkɔtena mu. Afei ɔfaa ne tabon fii ase haree ɔkorow no kɔɔ n'anim. Bere a ɔhempɔn Kayanja ne ɔhene Aludah duu asu no ano no no, wohuu nnipa baasa no sɛ wɔtete ɔkorow no mu. Wohuu sɛ adɔfo baanu yi anya aguan awie.

15

Nanso na aka akyi, ɔkorow no bufaa so de nnipa baasa yi nyinaa kɔguu baabi a nsu no ano yɛ den ma wɔn nyinaa memee. Efi saa da no rekɔ, ɔhempɔn Kayanja ho nipa biara, wɔmaa wɔn kwan ma wɔwarewaree wɔn adɔfonom a wɔanhwɛ sɛ wɔyɛ asikafo anaa ahiafo.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔhempɔn Kayanja Ne Ne Babea
Author - Amana Yunus
Translation - Michael Baah-Agyeman
Illustration - Natalie Propa
Language - Akuapem Twi
Level - Longer paragraphs