Hamisi hia sukuu ataade foforo. N'agya de no kɔ gua so.
Hamisi huu abarimaa bi a ɔhyɛ hyɛɛte fɛfɛɛfɛ bi. Hamisi dwene sɛ, "Saa hyɛɛte yi yɛ fɛ papa."
Hamisi kae se, "Minyae a anka manya hyɛɛte bi a ɛte sɛ abarimaa yi de pɛpɛɛpɛ."
Hamisi kae se, "Hwɛ ɔbea yi retɔn saa hyɛɛte papa no." "Agya, mepa wo kyɛw tɔ biako ma me."
Agya no kae se, "Ɛsɛ sɛ metɔ hyɛɛte ma wo."
"Minni sika pii wɔ me ho a mede bɛtɔ hyɛɛte no."
Hamisi n'aggya tuaa sukuu ataade koro no kaw. Ɛyɛɛ no nwanwa bere a ne nsa kaa akyi nsesa. Sika pii aka a ebetumi atɔ hyɛɛte!
Ɛyɛ da a Hamisi ti yɛɛ yiye! Hyɛɛte bɛn na ɔmfa?