Da a Owia Kɔtɔe
Khothatso Ranoosi
Jesse Breytenbach

Ɛna Maame Owia yɛɛ adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ne nuabea ɔsram. Na ne nuabea Ɔsram te wim hɔ fa baabi. Awia ka kyerɛɛ amunumkum no se, "Merekɔ aba seesei ara."

1

Bere a Owia kɔe no mmpɔw bɔɔ duku fitaa.

2

Mfama bɔe maa nnua gye wɔn ho akyinngye. Nnua no bofui. Wɔtow wɔn nhaban petee fam ho nyinaa.

3

Wim afu ase rebobɔmu. Asaase ayɛ sɛɛ nso.

4

Awerɛhow kaa amunumkum bere a wohunu saa no. Wiase sui. Wosui yiye.

5

Wiase nyinaa afi ase rememm ahyɛ nsu no ase.

6

Nanso na wim fa baabi de atew ama Owia ne ne nuabea redi nkra akɔ ara nen. Okraa ne nuabea na ɔsan kɔɔ n'atenae.

7

Wim anigyee bere a Owia puee no. Mmepɔw hyɛɛ wɔn ntaade nhabanmono fɛfɛɛfɛ no bio.

8

Mframa no kɔdae. Nnua no trɛw wɔn nkorabatamu na wɔsrewee.

9

Amununkum anigyee bere a wɔn maame Owia puei no. Wɔkɔɔ baabi kodii agoru.

10

Afifide nketewa pii fifii na wɔka kyerɛɛ asaase se "hello." Wiase nyinaa hyerɛnn.

11

Maame Owia hyerɛnn ma eduru baabiara. Na ɔnwenwene kae se, "Mekae se meba bio."

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Da a Owia Kɔtɔe
Author - Khothatso Ranoosi, Marion Drew
Translation - Michael Anguah-Mante (OLE Ghana)
Illustration - Jesse Breytenbach
Language - Akuapem Twi
Level - First sentences