Magozwe
Lesley Koyi
Wiehan de Jager

Nairobi kurokɛseɛ a adaagyeɛ nnim no fa baabi, na mmarimaa kuo bi a wɔnni ahwɛfoɔ de ayɛ wɔn atenaeɛ. Wɔn deɛ, sɛdeɛ ɛda biara de bɛba no wɔfa no saa ara. Dakoro anɔpa bi, mmarimaa yi sɔre firii awɔ no mu bobɔɔ wɔn akɛtɛ firii ɛkwan ho. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho awɔ betu enti wɔde ewira sɔɔ egya ano toeɛ. Magozwe ka saa mmaarimaa kuo yi ho. Ɔno ne akumaa koraa wɔ wɔn mu.

1

Ɛberɛ a Magozwe awofoɔ wuiɛ no, na wadi mfeɛ nnum pɛ. Ɔkɔtenaa ne wɔfa nkyɛn. Saa panin yi anhwɛ abofra no yie. Wamma Magozwe aduane anni amee. Ɔmaa no yɛɛ adwumaden ahodoɔ pii.

2

Sɛ Magozwe nwinwii anaa ɔbisa asɛm bi a, ne wɔfa no aboro no. Sɛ Magozwe bisa sɛ ɔbɛtumi akɔ sukuu a, ne wɔfa no boro no sane ka kyerɛɛ no sɛ, "Wagyimi dodo sɛ ɔbɛsua adeɛ." Mfeɛ mmiɛsa ateetee yi akyi no, Magozwe dwane firii ne wɔfa nkyɛn kɔtenaa abɔnten so bɔɔ ne bra.

3

Na abɔnten so tena abrabɔ yɛ den enti, dabiara mmarimaa no mu fa kɛseɛ no ara brɛ ansa na wɔanya wɔn ano aduane adi. Ɛtɔ ɛberɛ bi a wɔkye wɔn, ɛtɔ berɛ bi nso a wɔboro wɔn. Sɛ wɔyare a, wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn. Ɛkuo yi de wɔn ho to wɔn sika ketewaa bi a wɔnya firii deɛ wɔserɛserɛ, deɛ wɔnya firi rɔba a wɔtontɔn ɛnne nneɛma dada a wɔtumi dane ani yɛ no foforo a wɔtɔn no mu. Adeɛ a ɛsan ma abrabɔ no mu yɛ den paa ne sɛ, akuoakuo foforɔ bi a ɔpɛsɛ ɔgye kurokɛseɛ no afa baabi bɔso no tumi bɛne wɔn ko ntɔkwa.

4

Dakoro bi a Magozwe rehwehwɛ sumina nkyɛnsee mu no, ɔhuu abasɛm nwoma dada bi a atete. Ɔpepaa efi no firii ho de hyɛɛ ne kotokuo mu. Ɛberɛ ne aberɛ biara ɔyi nwoma no hwɛ mfoni a ɛwɔ mu. Ɔnnim sɛdeɛ yɛkenkan nsɛm a ɛwɔ mu no.

5

Mfoni no ka abarimaa bi a ɔnyini bɛyɛɛ wiemhyɛnkafoɔ ho asɛm. Ɛyɛ Magozwe adaeɛsoɔ sɛ anka ɔbɛyɛ wiemhyɛnkafoɔ. Ɛtɔ dabi a, na n'adwen yɛ no sɛ anka ɔno ne abarimaa a ɔwɔ abasɛm no mu.

6

Da bi na awɔ wɔ mu na Magozwe gyina ɛkwan ho reserɛ adeɛ no, Ɔbarima bi kɔɔ ne nkyɛn. Ɔbarima no kaa sɛ, "Yɛfrɛ me Thomas. M'adwuma bɛn ha, baabi a wobɛnya biribi adi." Ɔde ne nsa kyerɛɛ ɛdan bi a ɛyɛ akokɔsradeɛ na ne nkyɛnsee a ɛbɔ so no yɛ bluu. Ɔbisaeɛ sɛ, "Megyidi sɛ wobɛkɔ hɔ akɔpɛ aduane bi adi anaa?" Magozwe hwɛɛ ɔbarima no, ɛnna ɔsane hwɛɛ ɛdan no. Ɔkaeɛ sɛ, "Ebia," ɛnna ɔgyaa hɔ kɔeɛ.

7

Abosome bi akyi no, Thomas anim kokwaa mmarimaa no a ɛnni atenaeɛ no. N'ani gye ho sɛ ɔne nnipa kasa, ne titire ne wɔn a wɔtete abɔten so. Thomas tiee nkorɔfoɔ abrabɔ mu abasɛm. Ɔyɛ obi a ɔmfa biribiara nni agorɔ na ɔwɔ abotrɛ nso, ɔnyɛ ahomasoɔ anaa obi a ɔmmu adeɛ. Mmarimaa no bi hyɛɛ aseɛ kɔɔ ɛfie a ɛyɛ akokɔsradeɛ ne bluu no mu kɔgye aduane awia nnɔndummienu berɛ mu.

8

Na Magozwe te anamonkwan bi a yɛde aboɔ ayɛ no mu rehwɛ ne mfoni nwoma no mu ɛna Thomas bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaeɛ sɛ, "Abasɛm no fa ɛdeɛn ho?" Magozwe buaeɛ sɛ, "Ɛfa abarimaa bi a ɔpɛsɛ ɔbɛyɛ wiemhyenkafoɔ ho asɛm." Thomas bisaeɛ sɛ, "Abarimaa no din de sɛn?" Magozwe buaeɛ bɔkɔɔ sɛ, "Mennim, mentumi nkenkan."

9

Ɛbere a wɔhyiaeɛ no, Magozwe hyɛɛ aseɛ kaa n'abrabɔ mu nsɛm kyerɛɛ Thomas. Asɛm no fa ɔne ne wɔfa asetena ne deɛ ɛyɛɛ a ɔdwane firii ne nkyɛn. Thomas ankasa bebree, ɛnna wankyerɛ Magozwe nso deɛ ɔnyɛ nanso ɔyɛɛ diin tiee no aberɛ biara. Ɛtɔ ɛberɛ bi na sɛ wɔredidi wɔ efie a ne nkurusoɔ yɛ bluu no mu a wɔdi nkɔmmɔ.

10

Magozwe mfeɛ du awoda bere mu no, Thomas maa no abasɛm nwoma foforɔ. Ɛfa okuraseni abarimaa bi a onyini bɛgyee din wɔ bɔɔlobɔ mu. Thomas kenkanee abasɛm no kyerɛɛ Magozwe mpɛn pii kɔsii sɛ dakoro bi ɔkaa sɛ, "Medwen sɛ ɛberɛ aso sɛ wokɔ sukuu kosua sɛdeɛ yɛkenkan. Wodwene ho sɛn?" Thomas kyerɛɛ mu sɛ, ɔnim baabi a mmofra bɛtumi atena akɔ sukuu.

11

Magozwe dwenee baabi foforɔ a ɔrekɔtena ɛnne sukuu a ɔrebɛkɔ no ho. Na sɛ deɛ ne wɔfa kaeɛ no sɛ ɔyɛ gyimifoɔ sɛ ɔbɛsua adeɛ no yɛ ampa ɛ? Na sɛ wɔboro no baabi foforɔ hɔ ɛ? Ehu kaa no. Ɔdwenee ho sɛ, "Ɛbia na ɛyɛ sɛ metena abɔnten ha ara."

12

Ɔkaa ehu a abɔ no no kyerɛɛ Thomas. Aberɛ biara ɔbarima no kɔso hyɛ no nkurane sɛ baabi foforɔ hɔ abrabɔ bɛtumi ayɛ papa.

13

Ɛno nti Magozwe tu kɔtenaa ɛfie a ne mmɔsoɔ yɛ ahabanmono no mu. Ɔne mmarimaa baanu na ɛte ɛdan no mu. Mmofra dodo a ɛte efie no mu nyinaa yɛ edu. Ante Sisi ne ne kunu, nkraman mmiensa, ɔkra, ne apɔnkye a wanyini nso wɔ efie hɔ bi.

14

Magozwe hyɛɛ sukuu aseɛ no na ɛyɛ den ma no. Ɔwɔ nnoɔma pii sua kosi sɛ ɔbɛtumi ne adadafoɔ no ayɛ pɛ. Ɛtɔ dabi a na n'abamu pɛsɛ ɛbu. Nanso ɛyɛ a na w'adwene ewiemhyɛnkafoɔ ɛne bɔɔlɔbɔni no a abasɛm nnwoma no ka wɔn ho nsɛm no. Wɔn nti, wamma n'abamu ammu.

15

Na Magozwe te ɛfie a ne mmɔsoɔ yɛ ahabanmono adihɔ rekenkan abasɛm nwoma a ɔde firii sukuu baeɛ no, Thomas ba bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaeɛ sɛ, "Abasɛm nwoma no fa ɛdeɛ bɛn ho?" Magozwe buaeɛ sɛ, "Ɛfa abarimaa bi a ɔrebɛyɛ ɔkyerɛkyerɛni. Thomas bisaeɛ sɛ, "Abarimaa no din de sɛn?" Magozwe nwenwenee kaeɛ sɛ, "Ne din de Magozwe.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Magozwe
Author - Lesley Koyi
Translation - Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)
Illustration - Wiehan de Jager
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs