Ɛda a Hamisi Ti Yɛɛ Yie
Adelheid Marie Bwire
Rob Owen

Hamisi hia sukuu ataadeɛ foforɔ. Ne papa de no kɔ ɛdwam.

1

Hamisi hunu abarimaa bi a ɔhyɛ hyɛɛte fɛfɛɛfɛ bi. Hamisi dwenee sɛ, "Saa hyɛɛte yi yɛ fɛ yie."

2

Hamisi ka sɛ, "Menyae a anka mewɔ hyɛɛte te sɛ abarimaa no deɛ no bi."

3

Hamisi ka sɛ, "Hwɛ, ababaawa no retɔn saa hyɛɛte soronko no bi."  Obisa sɛ, "Papa me srɛ wo tɔ baako ma me."

4

Papa ka sɛ, "Hamisi ɛsɛ sɛ metɔ wo sukuu atadeɛ."

5

Papa ka sɛ, "Menni sika dodo a mede bɛtɔ saa hyɛɛte no."

6

Hamisi papa tua sukuu atadeɛ no ka. Ɛyɛ no nwanwa sɛ wanya nsesa. Sika pii aka a ɛbɛtumi atɔ hyɛɛte no.

7

Ɛyɛ da a Himisi ti ayɛ yie! Hyɛɛte bɛn na ɔbɛfa?

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɛda a Hamisi Ti Yɛɛ Yie
Author - Adelheid Marie Bwire
Translation - Henrietta Afrani (OLE Ghana)
Illustration - Rob Owen
Language - Asante Twi
Level - First sentences