

Bere bi na abayiwa bi a yɛfrɛ no Maṱodzi wɔ hɔ.
Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabaa te akuraa bi ase.
Da koro bi, Maṱodzi maame ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nkrasɛm nkɔma ne siwaa wɔ akuraa foforo ase.
"Fa kwan a yɛtaa fa so no." Ne maame kaee Maṱodzi.
Maṱodzi faa kwan a wonim no yiye no so kɔɔ ne siwaa fie na ɔde nkrasɛm no mae.
Bere a na ɔkɔ fie no, ɔtee nne a ɛyɛ mmerɛw a ɛbɛn hɔ a ɔreka sɛ, "Mesrɛ wo boa me."
Maṱodzi hwɛɛ ne ho hyiae na ohui sɛ ɔbaa bi da kwan so.
Okyiaa ɔbaa no na obisaa no sɛ, "Dɛn nti na wo da ha?"
Ɔbaa no buae sɛ, "Mayɛ mmerɛw na meyare, na me ne me fie ntam kwan ware paa."
Maṱodzi tee mmɔbɔ maa ɔbaa no.
Ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, "Mede wo bɛkɔ me fie efisɛ ɛbɛn." Maṱodzi boaa ɔbaa no ma no sɔre. Wɔnantew brɛoo paa kosii sɛ woduu hɔ.
Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabaa hwɛɛ ɔbaa no kosii sɛ ne ho tɔ no.
Ɔbaa no daa wɔn ase paa sɛ wɔhwɛɛ no.
Ɔkamfoo Maṱodzi sɛ ɔwɔ akokoduru ne odwen afoforo ho.
Ɔbaa no ka kyerɛɛ Maṱodzi ne n'abusua sɛ, "Me werɛ emfiri nea moyɛ maa me no da.
Nnansa atwam akyi no, mepɛ sɛ moyɛ apɛde mmienu."
Nnansa akyi no, Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabaa yɛɛ apɛdeɛ mmienu.
Wɔn apɛdeɛ a edi kan ne sɛ wobenya efie fɛfɛ bi.
Apɛdeɛ ɛto so mmienu ne sɛ wobenya kwae bi wɔ efie no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho enhia sɛ wɔnantew kɔ akyirikyiri kɔfa nnua.
Wɔn apɛdeɛ mmienu no nyinaa baa mu, sɛnea ɔbaa no kae no ara pɛ.
Maṱodzi ne n'abusua no tenaa anigye mu wɔ wɔn fie fɛfɛ a ɛwɔ kwae no ho.


