Mama Sophie, ɔkokodurufoɔ no
Thandiwe Dlodlo

Dakoro bi wɔ hyew bere mu, na Khosi de kɔ ne ba, na osusu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.

Na ne maame akɔ afuo mu agya Khosi wɔ n'akyi.

"Dɛn na mede me ho bɛyɛ?" Khosi kaa saa kyerɛɛ ne ho.

1

Susu dua bi hyerɛn wɔ Khosi adwene mu.

"Me ko boro nsuo wɔ asubɔnten no mu, nanso hwan na ɔne me bɛkɔ?" Khosi dwenee ho.

Saa bere no Mama Sophie twaam wɔ ne kwan so a ɔkɔɔ asubɔnten no ho. Na okura kɛntɛn kɛse bi a ntade ayɛ mu ma.

2

"Medi Mama Sophie akyi akɔ asubɔnten no ho!" Khosi kaa saa kyerɛɛ ne ho.

"Mesrɛ wo,metumi ne wo akɔ asubɔnten no ho?" Khosi bisae. Mama Sophie nweenwee na ɔbɔɔ ni ti nko .

Wɔ kwan so no, Nozipho bɛkaa wɔn ho. Nozipho mpɛ nsuo boro na nso n'ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ sɛnea afoforo boro nsuo.

3

Wɔ asubɔnten no ho no, Khosi ka kyerɛɛ ne ho sɛ, "Ɛnnɛ, mawie nsuo boro wɔ beaeɛ a emu nnɔ, te sɛ akokoaa! Mebɛkyerɛ obiara sɛ metumi aboro nsuo wɔ beaeɛ a emu dɔ."

Ɔde ne ho kɔhyɛɛ asubɔnten no mu!

Nozipho hwɛɛ fi kwan ntam ɛho nnyɛ hu.

4

Bere a Nozipho ehwɛ no, na mmofra no nyinaa egye wɔn ani wɔ asubɔnten no mu.

Naa wɔ adware dede mu.

Wɔde anigye teɛɛm guu wɔn ho wɔn ho so wɔ nsuo no mu.

5

Nozipho hwɛɛ bio yie, biribi yɛ soronko. Na Khosi boro nsuo wɔ akyirikyiri efi mmofra aka no ho. Nozipho kɔɔ bɛn hɔ na ɔsan hwɛɛ bio.

Ehu kaa no wɔ nea ohui no, na otuu mmirika kɔɔ mmaa naa wɔn horo adi wɔ asubɔnten no ho no.

"Aboafoɔ mbra o! Khosi emene." Nozipho teɛɛm.

6

Ntɛm koraa, Mama Sophie huri ton nsuo no mu.

Ɔde ne ho kɔhyɛɛ nsuo no ase, afei ɔforo kɔɔ soro, afei ɔsan kɔɔ ase bio, ɔhwehwɛɛ Khosi.

Ɔde ne nsa soo Khosi abaso mu na ɔboro nsuo kɔɔ beaeɛ emu nnɔ mu. Afei, Mama Sophia pegyaa Khosi fi asubɔnten no mu.

7

Mama Sophie de ahopere twaa mmofra ne mmaa a esu kɛseɛ na wɔn teɛteɛm no ho.

Nozipho tuu mmirika di n'akyi bere a ɔde ahopere kɔɔ akurase ayaresabea hɔ, biraa Khosi hyɛ n'akyi.

8

Wɔ ayaresabea hɔ no, Nɛɛse Noxolo tuu mmirika kɔ hyiaa Mama sɛ nea ɔbɛboa.

Nɛɛse Noxolo ntɛm ara de Khosi kɔɔ dan bi mu na nɛɛsefoɔ bi yɛɛ ntɛm sɛ wɔbɛboa.

"Ne ho yɛ ! Yɛ tiri nkwa sɛ wanhyɛ nsuo ase simma kakra!" Nɛɛse Noxolo kae.

9

Mama Sophie de ahotɔ guu ahome kɛseɛ.

Obiara a ɔwɔ ayaresabea hɔ no bɔɔ n'abaso wɔ n'akokoduru ne nimdeɛ fa nsuo boro ho.

"M'ani sɔ sɛ metumi agye nkwa," Mama Sophie de ahobrɛase ka sɛ.

10

Asɛm no amanneɛbɔ duu mpɔtam hɔ odikro no nkyɛn. Ɔsomaa ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔmfrɛ Mama Sophie.

Mama Sophie kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ odikro no sɛnea ɔbɛyɛɛ nsuo boro ni pa.

"Me yɛ abofra no, na m'adamfo no te asubɔnten no agya. Na nsuo yɛ yɛn da biara da asetena fa. Na ɛsɛ sɛ yesua nsuo boro!" ɔka sɛ.

11

Odikro no frɛɛ nhyiamu bi na ɔde too dwa sɛ ɔbɛma Mama Sophie abasobodeɛ wɔ n'adeyɛ a ɛyɛ akokoduru no ho.

Mmaa su wo anigye mu, mmarima bɔ hwerɛma, mmofra no de anigye teɛɛm. Efi saa da no, na mmofra ani gye ho sɛ wobedi Mama Sophie akyi, na wɔ too nnwom sɛ, "Biribiara ntumi nka me, aa Mama Sophie, kokodurufoɔ no wɔ m'afa!"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mama Sophie, ɔkokodurufoɔ no
Author - Thandiwe Dlodlo
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - , Simon Mokoena
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs