

Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo pa.
Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsra wɔn adamfo, Akokɔ wɔ n'awoda.
Naa Akokɔ te akuraa foforo ase. Naa Ɔkra ne Ɔkraman bedi nna mmienu ansa na wɔaduru ho.
Ɔkra ne Ɔkraman yɛɛ wɔ ade wɔ akwan horow so koraa.
Naa Ɔkraman ani gye ho sɛ obedidi na wada na ɔyɛ basabasa wɔ mmere bi mu.
Naa Ɔkra yɛ ayamyefoɔ, ɔyɛ adoryɛ na wobetumi de wɔn ho ato no so.
Wohyiaa wɔ Ɔkraman fie sɛnea wɔbɛyɛ wɔn akwantu no ho nhyehyɛe.
"Mede aduane bɛba da a edi kan no," Ɔkraman mae sɛ.
"Mede bɛba da a ɛto so mmienu no," Ɔkra kae sɛ.
Wɔkyerɛw biribiara too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ emfi.
"Ɛbɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛbɛhunu Akokɔ berɛ tiawa mu. Ɛyɛ berɛ tiawa bi a yɛhunuu yɛn adamfoɔ no", Ɔkraman kaa saa berɛ a na ɔko gya Ɔkra fie.
"Meda wo ase sɛ wode me nantew kɔɔ fie," Ɔkra ka kyerɛɛ Ɔkraman.
Wohyiaa wɔn ho da a edi hɔ no ntɛm paa sɛ wɔrefi wɔn akwantu no ase.
Wɔtoo nnwom na wɔsaw anigye so wɔ kwan so.
Bere bi akyi no, wɔhome wɔ dua kɛse bi ase. "Ɔkɔm de me! Momma yennidi," Ɔkra kae sɛ.
Ɔkraman de ahopere de aduane guu nkuruwa mmienu mu. Naa aduane no yɛ srade na na ɛyɛ nsu.
Ɔkra bisae sɛ, "So eyi ne aduane a wode bae maa yɛn baanu?"
Ɔkra bo fuwii efisɛ n'adamfo no amfa aduane a wɔpenee so no amma. Wanni Ɔkraman aduane.
"Dɛn nti na woretwɛn?" Ɔkraman bisae. Naa ɔhwɛɛ sɛ Ɔkra begyae anwiinwii na wadidi.
Abufu so, Ɔkra bisaa sɛ, "Dɛn nti na wode aduane a w'ani gye ho nko ara na ɛbae?"
Naa Ɔkraman didi ntɛmntɛm araa ma kuruwa no hwee ase.
Ɔkraman aduane nyinaa hwie guu fam.
"Mma ɛnhaw wo m'adamfo," Ɔkra kaa sɛ.
Ɔkra yii burodo a ɛyɛ suronko. Ofii ase sɛ odi.
Ɔkraman de ani mmɔborɔ hwɛɛ Ɔkra aduane mu.
Bere a Ɔkra dii aduane wiei no, ɔboaboaa ne ho ano ka kyerɛɛ Ɔkraman sɛ, "So yebetumi atoa yɛn akwantu no so?"
Wɔankasa wɔ akwantua aka no mu. Ɔkraman yafunu bobom mu efiri kɔm nti.
Saa anwummere no, Ɔkra di aduane no ma no ho. Ɔkɔ dae wo anigye mu sɛ ɔde aduane a ɛdɔɔso aba.
Ɔkraman kɔ dae wo ɛkɔm mu.
Anɔpa no, Ɔkra maa ne ho aduane ketewaa bi. Ɔkraman antumi annyae sɛ ɔbɛhwɛ ɔkra aduani.
Ɔkra de aduane bi maa Ɔkraman.
Ɔkraman kaa sɛ, "Fa kyɛ me. Na meyɛ pɛsɛmenkominya paa."
Ɔkra buae sɛ, "Maa yɛnbom nnidi."
Wɔtenaa ase didii.
Bere a wɔtoaa wɔn akwantu no so no, na wɔyɛ nnamfo bio!
Woduu Akokɔ fie wɔ bere ano.
"M'akwantu no kɔ sɛn, m'adamfo ?" Akokɔ bisae sɛ.
Na wɔreserew kyerɛ wɔn ho wɔn ho no, Ɔkra ne Ɔkraman buae sɛ, "Ɛyɛ paa."
Na ɛyɛ awodadi apontow kɛse ampa.
Wodidii, too nnwom na wɔsayɛ !


