

Anka Lumbazi bɛyɛ beae pa, nanso na biribiara yɛ mfomso ɛfaa atenaeɛ ho.
Naa ntoa a abubɔ wɔ baabiara. Krataa asinasin guu mmɔnten so na mframa no nyɛ huam kuraa.
Mmofra pirapirae firi ntoa a abubɔ no ho.
Bere a na mframa bɔ kɛseɛ no, krataa asinasin tu na ɛsensɛn nnua ne adan atifi.
Eyi maa amanfuɔ pii ankɔ lumbazi nsrahwɛ mu.
Da koro bi, Chike a wadi mfeɛ nkron no kaa adwene bi kyerɛɛ ne nnamfo.
"Momma yɛnbom nsiesie yɛn atenaeɛ. Yebetumi aprapra, akɔfa ntoa a abubɔ na yɛayɛ nwura kotoku ama yɛn fie ne mmɔnten so."
"Eyi bɛboa yɛn ma yɛakɔ so atew yɛn ho. Ɛbɛtwetwe mpɔtam afoforo ma wɔabɛsra yɛn," Chike toaa so.
Bere a ɔkasa no, Obi kaa sɛ, "Mede ahwɛyiye bɛfa ntoa a abubɔ no. Mede bɛto baabi a wɔmpira yɛn."
Felix kaa sɛ, "Mede bokiti dedaa no mu baako ɛwɔ me fie bɛba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de adi dwuma sɛ nwura kotokuo."
Naa wɔbom yɛ adwuma da biara da.
Efi saa da no, Lumbazi bɛyɛɛ beae a apɔwmuden ne ahobammɔ wo ho ma obiara sɛ ɔbɛ tena ho.

