Thakgalo nnwom mmubuafo akonwa
Diana Tebeila
Diana Tebeila

Thakgalo kyerɛ sɛ anigye.

Thakgalo yɛ obi a ɔde mmubuafo akonwa di dwuma.

N'abusuafo ne ne nnamfo dɔ no yiye.

1

Thakgalo ani gye nnwom ho.

Ne nnamfo ani gye asaw ne nnwom a wɔbɔ ma no ho.

2

Ne nnamfonom de nnwom ho ɔkasafo bi sii Thakgalo mmubuafo akonwa so.

Sɛ ɔde ne nsa ka bɔton bi wɔ mmubuafo akonwa no fa baako a, na nnwom bɛbɔ.

3

Naa Thakgalo bɛ tene ne mu na wasa ama mmubuafo akondwa a ɛbɔ nnwom no so.

Ɔde n'ankasa asa yɛɛ ne su, na afei ofii ase ne ne nnamfonom saa yɛ.

4

Da koro bi ne nnamfonom huu asa akansie bi a yɛbɔɔ ho dawuru wɔ atesɛm krataa mu.

Wobisaa Thakgalo maame sɛ wobetumi di no aka akansie no bi anaa.

Thakgalo maame penee so.

5

Thakgalo nnamfonom srɛ ne maame ahomatrofoɔ de yɛɛ ɔhwɛtie maa asa akansie no.

Wɔde video yɛɛ Thakgalo asa wɔ nnwom a n'ani gye ho no ho, afei wɔde ɔhwɛtie ne mu nsɛm no kɔmaa akansie no.

6

Akansie da no bae.

Na Thakgalo hyɛ atadeɛ foforo a ɛyɛ fɛ.

Bere a nnwom no bɔɔ no, ɔkeka ne ho wɔ fɛɛfɛw ne anigyeɛ mu.

7

Amanfoɔ a wɔwɔ ahwɛfoɔ no mu teɛɛm sɛ, "Thakgalo! Thakgalo!"

Ampa, na ɔyɛ asa nsoromma saa da mu.

Thakgalo dii nkunim wɔ akansie no mu ne abasobodeɛ pii.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Thakgalo nnwom mmubuafo akonwa
Author - Diana Tebeila
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Diana Tebeila
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs