

Wɔ Masoyi akuraa ase no, na abayewaa a bi a ne ho akokwaw yiye a wɔfrɛ no Nomusa wɔ hɔ. Ɔne ne nanabea a na ɔyɛ atoko okuafo no trae.
Amanfoɔ dodow no ara a wɔwɔ akuraa no ase no antumi ankenkan anaasɛ nkyerɛw. Wɔde wɔn asetra de yɛɛ akuayɛ.
Naa Nomusa ani gye ho sɛ ɔbɛkɔ sukuu, na ne nanabaa de no hoahoa ne ho.
Da biara wɔ sukuu akyiri no, ne nanabaa di nnwuma ma no wɔ afuo mu.
Naa ɛsɛ sɛ ɔtaa nnoe ne nnomaa a wɔpɛ sɛ wodi nnɔbae no.
Na ɛyɛ den ma Nomusa sɛ ɔbɛtaa nnoe ne nnomaa akyi awiaberɛ nyinaa. Naa ɔntaa nya berɛ mfa nwie ne sukuu adwuma no.
Mmofra pii a wɔwɔ akuraa no ase no antumi nkɔ sukuu koraa efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ afuo no mu.
Berɛ twaa mu no, Nomusa brɛɛ yiye wɔ sɛnea ɔtaa taa nnomaa ne nnoe no.
"Mewɔ adwene pa bi," osusu sɛ.
Nomusa de ahwɛyiye kyekyeree nnua atenten mmienu boom. Ɔhyɛɛ nnua no wɔ n'adwuma ntadeɛ mu.
Ɔkuraa nnua no tene mu na ɔde n'adwuma kyɛ no too ɛso.
Naa ɛyɛ ehunasuro!
Nomusa de ehunasuro no sii aburoo afuo no mfinimfini.
"Saa ehunasuro yi bɛsi m'ananmu berɛ a meyɛ sukuu adwuma. Nanabaa bɛsusu sɛ mewɔ afuo mu," Nomusa serew kyerɛɛ ne ho.
Da biara, na ɔde ne sukuu kotokuo kɔ afuo mu ho.
Ɔhyɛ ne sukuu atadeɛ no na ɔde n'adwuma ntadeɛ hyɛɛ ehunasuro no so.
Afei, ɔyɛɛ ne sukuu adwuma wɔ onwunu ɛwɔ dua bi ase.
Nna twaa mu na Nomusa susu sɛ, "Nanabaa enhunu me nyansa nhyehyɛe no ho asɛm da."
Nomusa ani gyei na ne ho dwiriw no bere koro no ara mu.
Nnoe ne nnomaa no ankɔ aburoo fuo no mu.
Da koro awia no, Nomusa nanabaa kɔɔ afuo mu sɛ ɔkɔfa aburoo mono.
Naa afuo no mu yɛ dinn paa. Na nnoe anaa nnomaa nni baabiara.
Nanabaa susu sɛ, "Nomusa eyɛ adwuma pa."
Nanabaa teɛɛm sɛ, "Nomusa! Nomusa! Wowɔ he?"
Na mmuae biara nni hɔ.
Afei ohunu sɛ ehunasuro no wɔ afuo no mfinimfini, na ɔhyɛ Nomusa ntadeɛ!
Bere a Nanabaa hui nea Nomusa ayɛ no, na nani gye ne ɔbananabaa ne ho.
Ɔsusuu sɛ, "Eyi yɛ nyansa paa. Ɛnsɛ sɛ Nomusa kɔ afuo mu kɔpam nnoe ne nnomaa no kɔ."
Obiara a ɔwɔ akuraa no ase no ani gyee Nomusa nyansa pa no. Wɔn nyinaa fii ase de ehunasuro dii dwuma wɔ wɔn afuo mu.
Ehunasuro no maa nnoe ne nnomaa no kɔ akyirikyiri firi afuo no mu
Naa mmofra no betumi akɔ sukuu kyen sɛ wɔbɛhwɛ nnɔbae so.


