

Mandu ne ne nananom, ne sewaa na ne wɔfa na ɛte. Naa ɔwɔ akokɔ, abirekyie, odwan ne prako.
Akokɔ no tena buo ketewa bi mu. Naa wɔakyekyere abirekyie, odwan ne prako eho ban no wo. Na ne nananom ho da so yɛ. Ne sewaa na ne wɔfa boa adwuma no.
Eyi sesae wɔ mfe kakraa bi akyi. Mandu nananom nyin na wɔantumi antie anaasɛ wɔanhu yiye.
Ne sewaa bɛ yaree na ontumi mboa wɔ efie siesie.
Ne wɔfa da bere nyinaa na ɔmmboa wɔ mmoa no aduani ma mu.
Mmoa no yɛɛ dede kɛse efisɛ na kɔm de wɔm.
Na efie no ho ayɛ fĩ paa efisɛ ne sewaa no ansiesie ho.
Mandu brɛ abere nyinaa. Na ɛsɛ sɛ ɔkɔ abonten da biara da kɔhwehwɛ aduani ma wɔn.
Mandu antumi agyina tebea no ano biom. Obisaa ne nananom a wɔm mfe akɔ anim no sɛ wɔmma no ano aduru. Na n'ani angye efisɛ ne nananom ante ne ho asɛm.
Ne sewaa a ɔyare no kaa sɛ, "Nea mepɛ nyinaa ne sɛ metumi ada anadwo na masɔre anɔpa."
Ne wɔfa ɔkwadwofoɔ no kaa sɛ, "Tɔn mmoa no na tɔ aduani ma wo nananom. Wɔbɛda na wɔmo nhaw wo."
Mandu bo fu yɛ. Ɔkaa sɛ, ", Wɔfa wonim sɛ mentumi ntɔn mmoa no. Wɔn nkoaa ne ahonyadeɛ a mewɔ."
Anadwo bi Mandu da hɔ a ɔda hɔ. Ɔkae onyansani bi a na wagye di sɛ ɔwɔ ɔhaw ahorow nyinaa ano nnuro.
Mandu faa ne mmoa kɔsraa onyansafo no. Ɔde hama bi siee abirekyi, odwan ne prako so na ɔsoa akokɔ no.
Mandu duu onyansani no fie a na wabrɛ na kɔm de no.
Naa ɔkyerɛkyerɛ ne haw no mu kyerɛ onyansani akyi no, onyansani no ka sɛ, "Meboa wo nanso ɛsɛ sɛ woyɛ sɛnea meka no."
Mandu buae sɛ, "Mebɛyɛ biribiara de adi me haw no ho dwuma."
Onyansani no kaa sɛ, "Gyae mmoa no wɔ ha na san kɔ wo fie."
Mandu kaa sɛ, "Nanso me ne me mmoa atena akyɛ. Wɔn nkoa ne ahonyadeɛ a mewɔ."
Onyansani no kaa sɛ, "Meka kyerɛɛ wo sɛ mɛboa wo nanso ɛsɛ sɛ woyɛ sɛnea meka no."
Na Mandu hia ne haw no ano aduro. Ogyaa ne mmoa no na ɔsan kɔɔ fie.
Ne fie yɛ dinn dodo na emu da mpan. Obiara afe mmoa no. Mandu nananom nwiinwii efisɛ na wonya nufusu biara mfi abirekyie no mu.
Ne wofa no ka sɛ, "Yɛyɛ ahiafoɔ paa, obiara ɛsere yɛn."
Mandu antumi agyina anwiinwii no ano bio. Ɛno da nkyɛn a, na wafi mmoa nso.
Ɔsan kɔɔ onyansani no nkyɛn kɔsrɛɛ afotuo. "Asetra ayɛ soronko koraa a me mmoa nni fie. M'abusuafo afi wɔn dodo."
Onyansani no kaa sɛ, "Mɛboa wo nanso ɛsɛ sɛ woyɛ sɛnea meka kyerɛ wo no. Kɔ fie na kɔ yi wo nananom fi fie."
Mandu kaa sɛ, "Mɛyɛ dɛn ayɛ saa? Wɔyɛ me nananom na wɔde wɔn ho to me so."
Ewieeɛ koraa no, Mandu kɔɔ fie kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ no no. Naa woenya asomdwoeɛ biara.
Naa ne nananom nni baabiara a wɔbɛkɔ. Wɔkyinkyin, bɔɔ mmɔden sɛ wɔnhyia nneɛma. Wɔtee ɔhyew no nka ewia ne awɔw anadwo.
His sick aunt cried, "Don't throw me out!"
His lazy uncle cried, "Don't throw me out either!"
Mandu ani angye bio. Ɔsan kɔɔ onyansani no nkyɛn a na n'adwene atu afra na ne bo afu
Ɔteɛɛm sɛ, "Eyi dɔɔso dodo ma onipa baako. Ma me ano aduru a ɛyɛ sen saa."
The wise man said, "Here, take your animals home and return your grandparents in the house."
Mandu did as he was told. His aunt said, "I will clean the house."
His uncle stopped being lazy and helped Mandu with work. They were all happy once more.

