Tom akwadu tɔn ni
Humphreys Odunga
Atilabachew Reda

Tom sua kwadu a abere wɔ apampa no mu.

1

Tom kɔ dwaso kɔ tɔn kwadu

2

Amanfoɔ a wɔwɔ dwaso ɛretɔ aduaba

3

Nanso obiara ntɔ Tom kwadu no bi.

Wɔpɛ sɛ wo bɛtɔ aduaba efiri mmaa hɔ.

4

"Wɔ yɛn mpɔtam hɔ no, mbaa nkwa na wɔtɔn aduabo," amanfuɔ ka sɛ.

"Barima bɛn na ɔyɛ saa?" Amanfoɔ bisa sɛ.

5

Nanso Tom mpa abaw.

Ɔfrɛ sɛ, "Muntɔ me kwadu! Muntɔ me kwadu a abere a ɛyɛ dɛ no!"

6

Ɔbaa bi fa kwadu akuwakuw bi fi apampa no mu.

Ɔhwɛ kwadu no yiye.

7

Ɔbaa no tɔ akwadu no.

8

Amanfoɔ pii ba adwadidan no mu.

Wɔtɔ Tom akwadu na wodi.

9

Ankyɛ koraa na apampa no mu da mpan.

Tom kan sika a onyae no.

10

Afei Tom tɔ samina, asikre, ne burodo.

Ɔde nneɛma no gu ne apampa no mu.

11

Tom di apampa no si ne tiri so yie na ɔkɔ fie.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Tom akwadu tɔn ni
Author - Humphreys Odunga
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Atilabachew Reda
Language - Asante Twi
Level - First sentences