Maṱodzi ayamye
Tshedza Tlhako
Busisiwe Ndlovu

Bere bi na abeawa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Maṱodzi.

Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabea te akuraa bi ase.

1

Da koro bi, Maṱodzi maame ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nkrasɛm bi nkɔma ne maame nuabea wɔ akuraa foforo ase.

"Di ɔkwan a yɛtaa fa so no akyi," ne maame kaee Maṱodzi.

2

Maṱodzi faa ɔkwan a wonim no yiye no so kɔɔ ne maame nuabea fie na ɔde nkrasɛm no mae.

Bere a na ɔrekɔ fie no, ɔtee nne a ɛyɛ mmerɛw a ɛbɛn hɔ a ɔreka sɛ, "Mesrɛ wo boa me."

3

Maṱodzi hwɛɛ ne ho hyiae na ohui sɛ ɔbea bi da kwan so.

Okyiaa ɔbea no kyiae sɛ, "Dɛn nti na woda ha?"

4

Ɔbaa no buaa sɛ, "Meyɛ mmerɛw na meyare, na me ne me fie ntam kwan ware yiye."

Maṱodzi tee mmɔbɔ maa ɔbea no.

5

Ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, "Mede wo bɛkɔ me fie ɛfiri sɛ ɛbɛn."

Maṱodzi boaa ɔbaa no ma ɔsɔre. Wɔnantew brɛoo paa kosii sɛ woduu hɔ.

6

Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabea hwɛɛ ɔbea no kosii sɛ ne ho yɛɛ no yiye.

7

Ɔbea no daa wɔn ase paa sɛ ɔhwɛɛ no.

Ɔkamfoo Maṱodzi sɛ ɔwɔ akokoduru ne dwen.

8

Ɔbea no ka kyerɛɛ Maṱodzi ne n'abusua sɛ, "Me werɛ remfiri nea moyɛ maa me no da.

Nnan akyi no, mepɛ sɛ moyɛ apɛdeɛ mmienu."

9

Nnansa akyi no, Maṱodzi ne ne maame ne ne nanabea yɛɛ apɛde abien.

Wɔn apɛde a edi kan ne sɛ wobenya ofie fɛfɛ.

10

Apɛdeɛ a ɛtɔ so mmienu ne sɛ wɔbɛnya kwaeɛ wɔ fie no nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛho renhia sɛ wɔnantew kɔ akyirikyiri kɔfa nnua.

Wɔn apɛdeɛ mmienu no nyinaa baa mu, sɛdeɛ ɔbaa no kaa no.

11

Maṱodzi ne n'abusua no traa wɔn fie fɛfɛ a ɛwɔ kwae no ho no mu anigye so.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Maṱodzi ayamye
Author - Tshedza Tlhako
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Busisiwe Ndlovu
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs