Akyekyedeɛ no yɛ ɔbran
Ntombifuthi Ncwayiba

Bere tenten, bere tenten a atwam no, wuram mmoa no nsu sae.

Wɔhwɛɛ baabiara nanso wɔanhu biara.

1

Wɔboaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ wɔn haw no ano aduru. Mmoa nyinaa kɔɔ nhyiam no ase, gye Sakraman.

Sakraman kae sɛ, "Mɛyɛ dɛn atumi akɔ nhyiam bi a me ne akyekyedeɛ a wɔn ho yɛ hu bɛkɔ?"

2

Wɔ nhyiam no ase no, mmoa no penee so sɛ wobetutu abura bi.

Otwe kae sɛ, "Yɛn abura no mu bɛyɛ den na ɛtrɛw. Sɛ ɛyɛ ma a, nsu rensa bio."

3

Wɔtoo dwom na wɔsaw bere a wɔdannan wɔn ho tutuu abura no.

Awiei koraa no, nsu bubui wɔ fam na ɛhyɛɛ abura no mu ma.

Wɔn ani gyei kɛse. Ná wɔnka nsu a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ dɛ saa da.

4

Afei, da koro bi, mmoa no hui sɛ obi reguare wɔ nsu no mu na ɔrema ayɛ fĩ.

Wɔdan wɔn ho wɔn ho wɛn abura no.

5

Ná Adanko rewɛn abura no. Sakraman baa ne hama a ɔde huruw no so.

"Dɛn na woreyɛ wɔ ha?" Sakraman bisae sɛ.

"Yɛn nsu a yɛbɛhwɛ so," no buae.

6

Sakraman ka kyerɛɛ Adanko sɛ ɔne no nni agoru.

Agorudi no fa agofomma bi a wɔde hama kyekyere no ho, na wɔto wɔn ani na wɔkan no ma ɛyɛ apem.

Adanko penee so sɛ wobedi agorɔ.

7

Sakraman kyekyeree Adanko, a ɔde n'ani bɔɔ mu na ofii ase kan no.

Sakraman nom fii abura no mu na oguaree.

Akyiri no, Sakraman faa nsu bi na ofii hɔ. Adanko da so ara kan.

8

Adanko wiee kan na obuee n'ani.

Sakraman nni baabiara.

Adanko teɛteɛɛm sɛ mmoa afoforo no mmra na wonyi no.

9

Mmoa no kɔɔ so dannan wɔn ho awɛn abura no, nanso wɔn nyinaa antumi ankyere Sakraman.

Akyekyedeɛ kae sɛ, "Ma menhwɛ." Ɔde ne ho kɔhyɛɛ abura no mu ansa na ɔretwɛn sɛ ɔbɛhwehwɛ Sakraman.

10

Bere a Sakraman duu hɔ no, osusuwii sɛ, "Obiara nni ha!"

Ofii ase nom. Ɔtee nka sɛ biribi aka ne tɛkrɛma. Afei, wɔtwee no wɔ nsu no ase!

Mmoa afoforo no bae bere a wɔtee sɛ Sakraman resu na ɔrepetepete no.

11

Mmoa no kyekyeree Sakraman.

Akyekyedeɛ ka kyerɛɛ Sakraman sɛ, "Woyɛɛ yɛn nyinaa bɔne. Wɔbɛtwe w'aso."

Mmoa no kamfoo mpɔtorɔ sɛ wɔn ɔbran.

Efi saa da no, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛnom nsu a ɛho tew a wɔrenhaw wɔn.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Akyekyedeɛ no yɛ ɔbran
Author - Ntombifuthi Ncwayiba
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration -
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs