Mama Sophie, Ɔbea Akokodurufoɔ
Thandiwe Dlodlo
Simon Mokoena

Wɔ hyew bere mu da bi no, Khosi retu kwan akɔ ne ho so, na ɔresusuw nea ɔbɛyɛ ho.

Ne maame akɔ afuw mu a ɔrefi Khosi akyi.

"Dɛn na me ne me ho bɛyɛ?" Khosi kaa saa kyerɛɛ ne ho.

1

Adwene bi hyerɛn kɔɔ Khosi adwene mu.

"Merekɔ asuguare wɔ asubɔnten no ho, nanso hena na ɔne me bɛkɔ?" Khosi dwene ho.

Saa bere no mu no Mama Sophie twaam wɔ ne kwan so rekɔ asubɔnten no ho. Ná okura kɛntɛn kɛse bi a ntade ayɛ mu ma.

2

"Merebɛdi Mama Sophie akyi akɔ asubɔnten no ho!"
Khosi kaa saa kyerɛɛ ne ho.

"Mesrɛ wo, me ne wo nkɔ asubɔnten no ho?" Khosi bisae. Mama Sophie serewee na ɔde ne ti too fam.

Wɔ kwan so no, Nozipho bɛkaa wɔn ho. Nozipho ani annye asuguare ho da na mmom na n'ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ sɛnea afoforo reguare.

3

Wɔ asubɔnten no ho no Khosi ka kyerɛɛ ne ho sɛ, "Ɛnnɛ, mawie me ho wɔ nsu a emu nnɔ a miguare mu, te sɛ akokoaa! Merebɛkyerɛ obiara sɛ metumi asuguare wɔ nsu a emu dɔ mu nso."

Ɔde me ho hyɛɛ asubɔnten no mu. Sheeee!

Nozipho hwɛɛ sɛnea ɛhɔ yɛ fɛ.

4

Bere a Nozipho rehwɛ no, na mmofra no nyinaa regye wɔn ani wɔ asubɔnten no mu.

Wɔde dede reguare.

Wɔteɛteɛɛm guu wɔn ho wɔn ho anigye so wɔ nsu no mu.

5

Nozipho hwɛɛ bio yie, biribi hwɛ soronko. Ná Khosi reguare wɔ akyirikyiri wɔ mmofra afoforo no ho. Nozipho kɔɔ bɛn hɔ na ɔsan hwɛɛ bio.

Ehuiɛ wɔ deɛ ɔhunuu no ho, ɔtuu mmirika kɔɔ mmaa a wɔreyɛ wɔn ahohoroɔ wɔ asubɔnten no ho.

"Mmoa! Khosi remene," Nozipho teɛɛm.

6

Wɔ sekan mu mpaapaemu mu no, Mama Sophie huruw kɔɔ nsu no mu. Wɔ asubɔnten no ase no ɔguaree.

Ɔde ne ho kɔhyɛɛ nsuo ase, afei ɔforo kɔɔ soro, afei ɔsan kɔɔ ase bio, hwehwɛɛ Khosi.

Ɔfaa Khosi wɔ ne nsa mu na ɔguare kɔɔ nsuo a ɛnkɔ fam mu. Afei, Mama Sophia soaa Khosi fii asubɔnten no mu.

7

Mama Sophie de ahopere twaa mmofra ne mmea kuw a na wɔresu na wɔreteɛteɛm no ho.

Nozipho tuu mmirika wɔ n'akyi bere a ɔde ahopere kɔɔ akuraa no ase ayaresabea hɔ, na okura Khosi wɔ n'akyi.

8

Wɔ ayaresabea hɔ no, Ɔyarehwɛfo Noxolo a otuu mmirika sɛ ɔrekɔboa no hyiaa no.

Ɔyarehwɛfo Noxolo de Khosi kɔɔ dan bi mu ntɛm ara na ayarehwɛfo afoforo yɛɛ ntɛm sɛ wɔbɛboa.

"Ɔyɛ Yoo! Yɛwɔ anigye sɛ na onni nsu ase bere tenten a ɛto so abien!" Ɔyarehwɛfo Noxolo kae.

9

Mama Sophie de ahotɔ guu ahome kɛse.

Obiara a ɔwɔ ayaresabea hɔ no maa no akwaaba wɔ n'akokoduru ne n'ahokokwaw ho.

"M'ani sɔ sɛ metumi agye nkwa," Mama Sophie ahobrɛase kae.

10

Nsɛm ho amanneɛbɔ duu mpɔtam hɔ panyin no nkyɛn. Ɔsomaa ɔsomafo bi sɛ ɔmmɛfrɛ Mama Sophie.

Mama Sophie kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔpanyin no sɛnea ɔbɛyɛɛ asuguarefo pa.

"Bere a na meyɛ abofra no, na m'adamfo no te asubɔnten no agya. Na nsu yɛ yɛn da biara da asetra fã. Na ɛsɛ sɛ yesua asuguare!" Ɔkae sɛ.

11

Ɔpanyin no frɛɛ nhyiam bi na ɔde too gua sɛ ɔbɛma Mama Sophie akatua wɔ n'adeyɛ akokodurufo no ho.

Mmea a wɔn ho yɛ fɛ, mmarima abɛn, mmofra no de anigye teɛɛm. Efi saa da no, na mmofra ani gye ho sɛ wobedi Mama Sophie akyi, na wɔreto dwom sɛ, "Biribiara nni hɔ a ebetumi aka me, a Mama Sophie, akokodurufo no wɔ m'afã!"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mama Sophie, Ɔbea Akokodurufoɔ
Author - Thandiwe Dlodlo
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Simon Mokoena
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs