

Wɔ Masoyi kuro ketewa no mu, na ɔbaa papa bi wɔ hɔ a ne din de Nomusa. Ɔte ne nanabarima ho, na ɔyɛ aburo mfuw adwuma.
Nkurofo bebree wɔ kurow no mu antumi nnkenkan anaa wɔntumi nnnwene nwoma. Wɔnyaa wɔn anidaso wɔ akuafo adwuma mu.
Nomusa pɛ sukuu kɔ, na ne nanabaa anigye no ho.
Da biara sukuu awiee no, ne nanabaa de adwuma ma no wɔ mfuw no so.
Ɔbɛyɛɛ adwuma sɛ ɔde bɛtwe adoe ne anomaa a wɔpɛ sɛ wɔdi aduane no fi mfuw no so.
Nomusa huu sɛ ɛyɛ den sɛ ɔbɛtwe adoe ne nnomaa nyinaa afi mfuw no so anɔpa kosi anwummere. Ɔyɛɛ no a, ɛnnɔɔso ɔnnya bere sɛ ɔbɛwie ne sukuu adwuma.
Mmofra pii wɔ kurow no mu antumi ankɔ sukuu koraa efisɛ na wɔsɛ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ mfuw no so.
Bere ɛkɔɔ so no, Nomusa nhyinii na ɔkaasɛ wabrɛ sɛ ɔbɛdi nnomaa ne ndoe no akyi bio.
"Me wɔ adwene pa," ɔbɔɔ ne tirim.
Nomusa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyere nnua mmienu tenten ano. Ɔhyɛɛ ntoma a ɔde yɛ adwuma no so.
Ɔde nnua no gyinaa tenten mu na ɔhyɛɛ ntoma a ɔde yɛ adwuma no gu so.
Ɛyɛ ɔsurobo!
Nomusa de ɔsurobo no guu mfuw no mfinimfini.
"Ɔsurobo yi bɛyɛ me adwuma wɔ mfuw no so bere a mewɔ sukuu adwuma mu. Nanabaa bɛka sɛ mewɔ mfuw no," Nomusa seree ne tirim.
Da biara, ɔde ne sukuu bag kɔ mfuw no so.
Ɔtenaa ne sukuu atade mu na ɔde ne adwuma ntoma hyɛɛ ɔsurobo no so.
Afei, ɔyɛɛ ne sukuu adwuma wɔ dua ano asuogya mu.
Nda kɔɔ so, na Nomusa bɔɔ ne tirim sɛ, "Nanabaa renhu me adwene pa no da."
Nomusa ani gye na neho hwiri no nso.
Ndoe ne nnomaa no antu ankɔ mfuw no bio.
Awia bi, Nomusa nanabaa kɔɔ mfuw no so de nketewa foforɔ bae.
Mfuw no mu yɛɛ dinn paa. Ndoe anaa Nnomaa ni biabiara.
Nanabaa bɔɔ ne tirim sɛ, "Nomusa reyɛ adwuma pa."
Nanabaa frɛɛ no sɛ, "Nomusa! Nomusa! Wowɔhe?"
Ɛnna obiara ama mmuae biara.
Afei, ɔhuu ɔsurobo no wɔ mfuw no mfinimfini, na ɛhyɛɛ Nomusa ntoma!
Sɛ nanabaa huu nea Nomusa ayɛ no, ɔyɛɛ ne babea no ho anigye.
Ɔbɔɔ ne tirim sɛ, "Eyi yɛ adwene pa paa. Nomusa nhu sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ mfuw no so bɛtwe ndoe ne nnomaa no."
Ɔman mufoɔ nyinaa dɔɔ Nomusa ne n'adwene pa no. Wɔnyinaa hyɛɛ ase yɛɛ ɔsamanfo wɔ wɔn mfuw so.
Ɔsamanfo no boaa maa ndoe ne nnomaa antumi annhyɛ mfuw no mu.
Na mmofra no tumi kɔ sukuu, mmom sɛ wɔbɛtena fie hwɛ nnɔbae.


