Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo
Yamkela Mbhele
Busisiwe Ndlovu

Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo pa.

Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsra wɔn adamfo, Akokɔba wɔ n'awoda.

Akokɔba tenaa akuraa foforo ase. Ná ebegye ɔkra ne ɔkraman nna abien ansa na waba.

1

Ɔkra ne ɔkraman yɛ n'ade wɔ akwan horow bebree.

ɔkraman ani gyee ho sɛ obedidi na wada na na ɔyɛ ɔkwasea wɔ mmere bi mu.

Ɔkra yɛ ayamye, ɔyamyefo na wobetumi de wɔn ho ato wɔn so.

Wohyiae wɔ ɔkraman sɛ wɔreyɛ wɔn akwantu no ho nhyehyɛe.

2

Ɔkraman de mae sɛ, "Mede aduan bɛba da a edi kan no."

Ɔkae sɛ, "Mede biribiara bɛba da a ɛto so abien no."

Wɔkyerɛw biribiara too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ remfi.

3

"Ɛbɛyɛ anigye sɛ wobɛhu Akokɔba ntɛm. Ɛyɛ bere tiaa bi a yɛhunuu yɛn adamfo no," Ɔkraman kaa saa berɛ a ɔnam Ɔkra kɔɔ fie.

"Meda wo ase sɛ woanantew me akɔ fie," Ɔkra ka kyerɛɛ Ɔkraman.

4

Wohyiaam ntɛm paa da a edi hɔ no sɛ wɔrefi wɔn akwantu no ase.

Wɔtoo dwom na wɔsaw anigye so wɔ kwan so.

Bere bi akyi no, wɔhome wɔ dua kɛse bi ase. Ɔkra kae sɛ, "Ɔkɔm de me! Momma yennidi."

5

Ɔkraman de ahopere de aduan guu nkuruwa abien mu. Na aduan no yɛ srade na ɛyɛ nsu.

Ɔkra bisae sɛ, "So eyi ne aduan a wode bae maa yɛn baanu nyinaa?"

Ɔkra bo fuwii efisɛ n'adamfo no amfa aduan a wɔpenee so no amma. Wanni kraman aduan.

6

"Dɛn nti na woretwɛn?" Ɔkraman bisae. Ɔhwɛɛ kwan sɛ Ɔkra begyae anwiinwii na wadidi.

Abufuw, Ɔkra bisae sɛ, "Dɛn nti na wode aduan a w'ani gye ho nkutoo na ɛbae?"

Na akraman redidi ntɛmntɛm araa ma kuruwa no hwee ase.

Nkraman aduan nyinaa hwie guu fam.

7

"Mma ɛnhaw wo m'adamfo," Ɔkra kae.

Ɔkra yii brodo a ɛyɛ fɛ sen biara no fii mu. Ofii ase dii.

Ɔkraman de n'ani a ɛsrɛsrɛ ade hwɛɛ Ɔkra aduan.

Bere a Ɔkra dii wiei no, ɔhyehyɛɛ ne ho na ɔka kyerɛɛ kraman sɛ, "So yebetumi akɔ so akɔ yɛn akwantu no mu?"

8

Wɔannkasa bio wɔ akwantuo no mu nyinaa. Ɔkraman yam hyehyee no efisɛ ɔpɛ aduane.

Anadwo no, Ɔkra boaa ne ho aduane. Ɔkɔdaa anigye sɛ ɔde aduane bebree bae.

Ɔkraman deɛ, ɔkɔdaa saa efisɛ ɔannyɛ aduane.

9

Anɔpa no, Ɔkra boaa ne ho aduanekyiri ketewa.
Ɔkraman antumi anyɛ gyinae, na ne ani da Ɔkra ne aduane so.

Ɔkra de aduane maa Ɔkraman.

Ɔkraman kae sɛ, "Mepa wo kyɛw. Me yɛɛ me ho potoo."

Ɔkra buaa sɛ, "Momma yɛn didi bom."

Enti wɔntenaa ase dedii.

10

Sɛ wɔkɔɔ so wɔ wɔn akwantuo no mu no, wɔbɛyɛɛ nnamfo bio!

Wɔduruu Akoko fie wɔ berɛ pɔtee.

"Na mo akwantuo no yɛɛ dɛn, me nnamfo?" Akoko bisaa wɔn.

Ɔkra ne Ɔkraman hwɛɛ wɔn ho bɔɔ mo bo na wogyee mu sɛ, "Eye paa."

11

Na ɛyɛ adepa paa sɛɛ no yɛɛ awoɔda kese bi.

Wɔdidii, wɔtoo nnwom, na wɔsorenee!

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo
Author - Yamkela Mbhele
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Busisiwe Ndlovu
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs