

Thakgalo kyerɛ anigye.
Thakgalo yɛ obi a ɔde mmubuafo akongua di dwuma.
N'abusuafo ne ne nnamfo dɔ no yiye.
Thakgalo ani gye nnwom ho.
Ne nnamfo ani gye asaw ne nnwom a wɔbɔ ma no ho.
Ne nnamfonom de nnwom ho ɔkasafo bi sii Thakgalo mmubuafo akongua so.
Sɛ ɔde ne nsa ka bɔtn bi wɔ mmubuafo akongua no fã biako a, na nnwom bɛbɔ.
Na Thakgalo bɛtrɛw ne ho mu na wasaw wɔ mmubuafo akongua no mu.
Ɔde ne ho yɛɛ asaw wɔ n'ankasa so, na afei ofii ase ne ne nnamfonom saw.
Da bi ne nnamfonom huu asaw akansi bi a wɔbɔɔ ho dawuru wɔ atesɛm krataa mu.
Wobisaa Thakgalo maame sɛ wobetumi akɔ akansi no mu ama no anaa.
Thakgalo maame penee so.
Thakgalo nnamfonom fɛm ne maame fon de yɛɛ viduo maa asaw akansi no.
Wɔde viduo yɛɛ Thakgalo asaw wɔ dwom a n'ani gye ho no ho, afei wɔde viduo no mu nsɛm no kɔmaa akansi no.
Wɔpaw Thakgalo maa akansi no!
Akansie da no bae.
Thakgalo hyɛɛ atade foforo a ɛyɛ fɛ.
Bere a nnwom no bɔɔ no, ɔde adom ne anigye tui.
Nnipa a wɔwɔ atiefo no mu no teɛɛm sɛ, "Thakgalo! Thakgalo!"
Nokwarem no, na ɔyɛ asaw nsoromma wɔ saa bere no mu.
Thakgalo dii nkonim wɔ akansi no mu ne nkonimbo pii.

