Tom a ɔtɔn kwadu no
Humphreys Odunga
Atilabachew Reda

Tom kura dua kɛtɛ a ɛyɛ kwadu a abere.

1

Tom kɔ gua so kɔtɔn kwadu.

2

Nnipa a wɔwɔ gua so retɔ nnuaba.

3

Nanso obiara ntɔ Tom banana.

Wɔpɛ sɛ wɔtɔ nnuaba fi mmea hɔ.

4

"Wɔ yɛn mpɔtam hɔ no, mmea nkutoo na wɔtɔn nnuaba," nkurɔfo ka.

"Ɔbarima bɛn na ɔyɛ saa?" nkurɔfo bisa sɛ.

5

Nanso Tom nnyae abaw.

Ɔfrɛ sɛ, "Tɔ me kwadu! Kɔtɔ me kwadu a abere a ɛyɛ dɛ no!"

6

Ɔbea bi fa kwadu akuwakuw bi fi dua kɛtɛ no mu.

Ɔhwɛ kwadu no yiye.

7

Ɔbea no tɔ kwadu no.

8

Nnipa pii ba aguadidan no mu.

Wɔtɔ Tom kwadu na wodi.

9

Ankyɛ koraa na dua kɛtɛ no mu da mpan.

Tom kan sika a onyae no.

10

Afei Tom tɔ samina, asikre, ne paanoo.

Ɔde nneɛma no gu ne dua kɛtɛ mu.

11

Tom kari pɛ wɔ dua kɛtɛ a ɛwɔ ne ti so no mu na ɔkɔ fie.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Tom a ɔtɔn kwadu no
Author - Humphreys Odunga
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Atilabachew Reda
Language - Akuapem Twi
Level - First sentences