Tom, abɛtɔnni
Humphreys Odunga
Atilabachew Reda

Tom de abɛ a wɔadane no gua so.

1

Tom kɔ adwadifoɔ fie de abɛ no rekɔtɔn.

2

Nkurɔfo a wɔwɔ adwadifoɔ fie no, wɔtɔ afifideɛ no.

3

Nanso obiara rentɔn Tom abɛ no.

Wɔn pɛ sɛ wɔtɔ afifideɛ fi mmea nkyɛn.

4

"Wɔ yɛn kurom no, mmea nko ara na wɔtɔn afifideɛ," nkurɔfo kae.

"Ɔbarima bɛn na eyi yɛ?" nkurɔfo bisae.

5

Nanso Tom nnantew nni akyi.

Ɔfrɛɛ sɛ, "Tɔ me abɛ! Tɔ me abɛ a ɛyɛ dɛ na wɔadane no!"

6

Obi mmae bi faa abɛ bi fi Tom gua so.

Ɔhwɛɛ abɛ no yiye.

7

Obi mmae no tɔɔ abɛ no.

8

Nkurɔfo foforo bebree baa gua no so.

Wɔtɔɔ Tom abɛ no na wɔdii.

9

Ntɛm ara, gua no yɛɛ dinn.

Tom kani sika a ɔanya no.

10

Afei, Tom tɔɔ nsuo ho sika, sukura ne paanu.

Ɔde nneɛma no guu ne gua so.

11

Tom de gua no hyɛɛ ne ti so na ɔkɔɔ fie.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Tom, abɛtɔnni
Author - Humphreys Odunga
Translation - Harold Appiaku Boateng
Illustration - Atilabachew Reda
Language - Fante
Level - First sentences