Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo
Yamkela Mbhele
Busisiwe Ndlovu

Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo pa.

Wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ wɔn nɔnkɔde, Akokoaba, n'adeda da.

Akokoaba te ɔman foforo mu. Ɛbɛfa nna abien ma Ɔkra ne Ɔkraman anya hɔ.

1

Ɔkra ne Ɔkraman na wɔn suban yɛ sen wɔn ho koraa.

Ɔkraman dɔ didi ne da, na bere bi wɔ no mmirikatu nketenkete.

Ɔkra de, ɔyɛ ohiafoɔdɔ, ɔyɛ obiara nkyɛkyerɛ, na obi betumi agyina no so.

Wɔhyiaa wɔ Ɔkraman fie sɛ wɔbɛyɛ wɔn akwantu ho nhyehyɛe.

2

"Me de aduane bɛba da a ɛdi kan," Ɔkraman yii ne ho adwuma.

"Mɛba deɛ wɔ da a ɛtɔ so mmienu," Ɔkra ka kyerɛɛ no.

Wɔkyerɛw biribiara guw so, sɛnea wɔrenwerɛ wɔn ho nsɛm.

3

"Ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛrebɛhu Akokoaba ntɛm. Akyɛ na yɛanhyia yɛn nnamfo no," Ɔkraman kaa saa wɔ ɔkwan so, berɛ a ɔrekɔ de Ɔkra kɔ fie.

"Medaw'ase sɛ wokɔde me kɔ fie," Ɔkra kaa kyerɛɛ Ɔkraman.

4

Wɔhyiaa anɔpa ketewa nnɛ da a edi so sɛ wɔbɛhyɛ wɔn akwantu ase.

Wɔtow dwom na wokosow bo sɛ wɔrekɔ wɔn kwan no so.

Akyire kakra, wɔtwaa wɔn ho ase wɔ dua kɛse bi ase. "M'abere! Momma yɛndidi," Ɔkra ka kyerɛɛ no.

5

Ɔkraman de ntɛm tɔɔ aduane no gu nsuo mu dua nsonso abien mu. Aduane no yɛ dɛw na nsuo wom.

Ɔkra bisaa, "Ɛyɛ aduane a wode brɛɛ yɛn baanu no anaa?"

Ɔkra bo fuwii efisɛ ne nnamfo no amma aduane a wɔahyɛ ho no. Ɔmmee Ɔkraman aduane no.

6

"Adɛn na woretwɛn?" Ɔkraman bisaa. Ɔpɛe sɛ Ɔkra gyina n'ano na ɔbɛdi.

Ɔkra bo fuwii na ɔbisaa, "Adɛn na wode aduane a wo ara pɛ nko na wobrɛɛ me?"

Ɔkraman redidi ntɛm dodo a, dua no sii ase.

Ɔkraman aduane nyinaa bɔɔ fam.

7

"Nsuro me nnamfo," Ɔkra ka kyerɛɛ no.

Ɔkra faa sandwiches a ɛyɛ fɛ paa no too hɔ. Ɔde fii ase didii.

Ɔkraman hwɛɛ Ɔkra aduane no ani mu pɛsɛ ɔbɛyɛ bi.

Ɔkra wieiɛ didi no, ɔboaa ne nsa so, na ɔka kyerɛɛ Ɔkraman sɛ, "Yɛbɛtumi akɔ so wɔ yɛn akwantu no so anaa?"

8

Wɔanɔ kasa wɔ wɔn akwantu no mu nkɔanim. Ɔkraman kotodwe yɛɛ no basabasa efisɛ ɔware.

Ɛnnora no anɔpa, Ɔkra tɔɔ aduane ma ne ho. Ɔkɔɔ da a anigye wom efisɛ ɔde aduane a ɛdɔɔso brɛɛ ne ho.

Ɔkraman de, ɔkɔɔ da a ɔware.

9

Anɔpa no, Ɔkra tɔɔ ne ho aduan ketewa. Ɔkraman rentumi nhu ne ho na ɔnhwɛ Ɔkra aduane no.

Ɔkra de, ɔmaa Ɔkraman bi.

Ɔkraman ka kyerɛɛ no sɛ, "Fakyɛ me. Meyɛɛ me ho adeɛ dodo."

Ɔkra buaa, "Momma yɛndi yɛn ho biako."

Wɔtee ase didii aduan no.

10

Bere a wɔrekɔ so wɔ wɔn akwantu no so no, wɔsan yɛɛ nnamfo bio!

Wɔduruu Akokoaba fie bere a ɛfata.

"Mo akwantu yɛɛ dɛn, me nnamfo?" Akokoaba bisaa.

Ɔkra ne Ɔkraman serew hwɛɛ wɔn ho, na wɔkae sɛ, "Ɛyɛ papa paa."

11

Ɛyɛɛ amanneɛpa awo da afahyɛ kɛse.

Wɔdidii, wɔtow dwom na wɔkosow bo!

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔkra ne Ɔkraman yɛ nnamfo
Author - Yamkela Mbhele
Translation - Harold Appiaku Boateng
Illustration - Busisiwe Ndlovu
Language - Fante
Level - First paragraphs