Akannifoɔ Nketewa: Yɛn atenaeɛ a ho ntew
Ruth Asuquo

Anka Lumbazi bɛyɛ beae pa, nanso na biribiara yɛ mfomso wɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ho.

Na nkotoku a abubu wɔ baabiara. Krataa asinasin guu mmɔnten so na mframa no yɛɛ huam kɛse.

1

Mmofra pirapirae esiane nkotoku a abubu nti.

2

Bere a na mframa bɔ kɛse no, krataa asinasin huruw na ɛsensɛn nnua ne adan atifi.

Eyi maa nnipa pii ankɔ Lumbazi nsrahwɛ mu.

3

Da koro bi, Chike a wadi mfe 9 no kaa adwene bi kyerɛɛ ne nnamfo.

"Momma yɛnbom nsiesie yɛn nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Yebetumi aprapra, akɔfa nkotoku a abubu na yɛayɛ nwura kotoku ama yɛn afie ne mmɔnten so."

4

"Eyi bɛboa yɛn ma yɛakɔ so atew yɛn ho. Ɛbɛtwetwe mpɔtam afoforo ma wɔabɛsra yɛn," Chike toaa so.

5

Bere a ɔrekasa no, Obi kae sɛ, "Mede ahwɛyiye bɛfa nkotoku a abubu no. Mede bɛto baabi a wɔrempira yɛn."

6

Felix kaa sɛ, "Mede bokiti dedaw no mu baako bɛba me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de adi dwuma sɛ nwura kotokuo."

7

Wɔyɛɛ adwuma bom da biara.

Efi saa da no, Lumbazi bɛyɛɛ beae a ahoɔden wom na ahobammɔ wom ma obiara sɛ ɔntra hɔ.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Akannifoɔ Nketewa: Yɛn atenaeɛ a ho ntew
Author - Ruth Asuquo, Gideon Eyo
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration -
Language - Akuapem Twi
Level - Longer paragraphs