

Nkoekoemmoa te afie ahorow pii mu. Nkoekoemmoa binom bom tra akuw akɛse mu, ebinom nkutoo na wɔte ase.
Saa abasɛm nwoma yi fa Naeku ne Naserian ho - mfɔteɛ onuawa baanu a wɔte Kenya kesee fam ɛsrɛ so.
Anuanom mbaa no te atubraman bi mu a mfɔteɛ afoforo bɛyɛ mpem aduɔwɔtwe na wɔte hɔ.
Fɔteɛ atubraman bi te berebuw bi a wɔde asase ayɛ mu. Saa berebuw yi betumi ayɛ fam, anaa fam soro, anaa mmienu nyinaa.
Berebuw no fã a yebetumi ahu wɔ soro no yɛ fɔteɛ nkoko. Fɔteɛ nkoko dodow no ara yɛ bɛyɛ mita mmienu kosi enum ɛwɔ asase soro no so.
Mfɔteɛ a wɔwɔ atubraman no mu no yɛ dwumadie ahorow ma kuw no nyinaa. Naeku ne Naserian yɛ adwumayɛfo termites. Adwumayɛfo nyinaa yɛ mmea. "Yɛyɛ adansifoɔ ne mfiridwumayɛfoɔ!" Naeku ka sɛ.
Adwumayɛfoɔ no mfɔteɛ no kyekye na wɔhwɛ fɔteɛ berebuw no so. Naserian se, "Yɛkyekye adan akɛse a ɛyɛ den."
Naeku hyɛ nyansa sɛ, "Momma yɛnkyerɛkyerɛ sɛnea yesisi yɛn afie mu. Yɛhyɛ aseɛ denam asase ase kwan a yɛtutu fa asase so no so."
Naserian twa mu sɛ, "Yɛde yɛn anom a ɛyɛ den no tutu asase mu. Yebetumi atu dɔteɛ pii!"
Naserian ka sɛ, "Nea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ ahu sɛ yɛn asase ase akwan no aban no mu yɛ den no, yɛde tasuo ne dɔteɛ a wɔde afrafra a ɛyɛ nnam kata so."
Naeku de ka ho sɛ, "Sɛ afrafrade a ɛyɛ nnam ewo a, ɛbɛyɛ den te sɛ dɔteɛ. Fɔteɛ berebuw betumi atra hɔ akyɛ paa."
Naserian ka sɛ, "Yɛyɛ dɔteɛ a yetutu no na yɛde yɛ ɔbotan bi wɔ fam. Mpɛn pii no, koko no yɛ kurukuruwa anaasɛ ɛyɛ kɔntɔnkrɔn, a ɛwɔ asase ase akwan pii," Naserian kae.
"Fɔteɛ akoko binom korɔn te sɛ mita nkron!" Naeku ka sɛ.
Mfɔteɛ yɛ nkoekoemmoa a wɔte asetra mu a wɔte kuw kɛse bi mu. Wɔwɔ dwumadie ahodoɔ a wɔde bɛbɔ na wɔakura atubraman no mu.
Adwumayɛfoɔ mfɔteɛ te sɛ Naserian ne Naeku tutu berebuw no. Ɔsraani mfɔteɛ wɛn berebuw no. Adwumayɛfoɔ ne asraafoɔ nyinaa fi adi kɔhwehwɛ mmeae foforo a wobesi berebuw.
Nɛɛse mfɔteɛ hwɛ ɔhemmaa ne mfɔteɛ ba a yɛfrɛ wɔn 'larvae '.
Ɛsono mmeae a wɔyɛ berebuw no. Pia ahorow wɔ hɔ ma ɔhemmaa no, pia a yayɛ ama mfɔteɛ ba, ne pia a wɔde nnuan gu mu. Asase ase kwan ahorow no de mmeae ahorow no bata ho.
Ɔhemmaa no ne fɔteɛ kɛse na obetumi atra ase akyɛ sen biara.
Naserian toa so sɛ, "Yɛyɛ asase ase kwan anaa tokuro fi adi kɔ soro ma mframa pa fa berebuw no mu."
Naeku de ka ho sɛ, "Mfɔteɛ hia mframa pa na ama atumi atra ase."
Naserian kyerɛkyerɛ mu sɛ, "Nhama no nso boa ma wɔhwɛ ɔhyew a ɛwɔ berebuw no mu no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ hyew dodo."
Naserian ka sɛ, "Yɛwɔ turo ahorow wɔ yɛn berebuw mu, baabi a yedua apotobibre. Yɛboaboa afifide nketenkete ne nneɛma afoforo a efi abɔde mu ano, a yɛde nyin apotobibre."
"Yum!" Naeku teɛm sɛ. "Nwansena turo no ma colony no nyinaa aduan. Yɛn nkutoo ne mfɔteɛ a ɛyɛ apotobibre afuo."
Fɔteɛ atubraman wɔ ɔhemmaa ne ɔhene. Adwumayɛfoɔ no ma atubraman no mufo a wɔho hia yi ano na wɔbɔ ho ban.
Ɔhemmaa fɔteɛ taa tra bɛyɛ mfe aduonu kosi aduasa. Otumi tow nkosua ɔpepem pii wɔ ne nkwa nna mu. Mfɔteɛ ba fi nkosua mu tow na nɛɛse fɔteɛ hwɛ wɔn so.
Naserian se, "Mfɔteɛ kwo no yɛ nhyehyɛe pa ara. Mfɔteɛ biara boa ma atubraman no nyinaa tra ase na enyin."
Naeku de ka ho sɛ, "Yɛn mu biara wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mfɔteɛ bom yɛ adwuma yiye."
Naserian pene so sɛ, "Aane. Afei momma yɛnsan nkɔ tutu mu!"

