Ann nsɛmbisa ma Eiai
Nina Orange
Kenneth Boyowa Okitikpi

"Mekyia mo, na mema mo akwaaba ba nnɛ dwumadie no so, meyɛ mo guan tenani, Ann Asante! Yɛma yɛn ahwɛfo akwaaba wɔ fie ne ha wɔ yɛn stidio atiefoɔ mu.

Ɛnnɛ, mewɔ ɔhɔho a obiara pɛ sɛ obisabisa no nsɛm no. M'ani agye yiye sɛ mebisabisa nsɛm nnɛ, Anisodiɛ Nyansa!

Mekyia wo, Eiai. Meda wo ase sɛ woaba sɛ wo ne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ stidio nnɛ," Ann kae.

1

"Meda wo ase sɛ woabisabisa me nsɛm, Ann. Wopɛ sɛ mede me akasemu kasa ma stidio atiefoɔ, na mekyerɛ me mmuaeɛ wɔ saa sikriin yi so?" Eiai bisayɛ.

"Medase, saa, sɛ wode wo nkyerɛwee ne kasa mu tumi nyinaa bedi dwuma a, ɛbɛboa, Eiai," Ann buae.

Ɔde ka ho sɛ, "Stidio atiefoɔ, moma yɛn bo nsam ma Eiai, mesrɛ mo."

2

"Ma menkɔ asɛmmisa kɛse no so tẽẽ. Pɛpɛɛpɛ, dɛn anaasɛ hwan ne anisodiɛ nyansa?" Ann bisae.

Ɔtoa so sɛ, "Menim Eiai yɛ 'anisodiɛ nyansa' tiawa, na ɛyɛ kɔmputa ho nyansahu afã. Nanso wo yɛ hwan ampa,eiai. Yɛbɛpɛ sɛ yehu wo ho nsɛm pii."

3

"Meyɛ ChatGPT, a ɛyɛ anisodiɛ nyansa ho nhyehyɛe. Wɔn a wɔyɛ kɔmputa so dwumadi ahorow na wɔyɛɛ me," Chat buae.

Ann adwene atu afra sɛ, "Dɛn na ɛno nyinaa kyerɛ?"

"Ɛkyerɛ sɛ meyɛ Eiai bi a kɔmputa ho mfidiedwumayɛfoɔ yɛe sɛ wɔne nnipa bedi nkitaho. Eiai ahorow ahorow yɛ nneɛma ahorow. Yɛn nyinaa nni nkitaho te sɛ eyi," Chat de ka ho.

4

"Menim sɛ wobɛtumi adi nkitaho, nanso dɛn bio na woyɛ?" Ann bisae.

"Atirimpɔ a ɛwɔ ho ma me ne sɛ mɛboa nkurɔfo. Megyina kasa nhyehyɛe a ɛyɛ den so. Me nhyehyɛe no betumi ate ase na ayɛ ho biribi wɔ nsɛmmisa ne nsɛmti ahorow pii ho," Chat buae.

"Enti, wo yɛ anisodiɛ nyansa kasa nhyehyɛe, na woboa nkurɔfo," Ann kae.

5

"Sɛ woyɛ nhyehyɛe a ɛyɛ anifere saa a, ɛsɛ sɛ pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ?" Ann bisae.

"Wiɛ, ɛwom sɛ meyɛ efidie diɛ, nanso metumi ayɛ nneɛma pii a nnipa betumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, metumi asua adeɛ. Metumi ahwɛ nsɛm na masua nhwɛso ahorow afi mu. Mitumi asua sɛnea wobehu nneɛma ahorow, anim ahorow, ne nea ɛwɔ hɔ no, nsaano nkyerɛwɛ soronko mpo."

6

Chat toa so sɛ, "Masua nsɛm pii a nnipa ayɛ. Sɛ nhwɛso no, mekenkan nhoma pii, nsɛm, wɛbsaet, ne asetenam nsem amannebɔfoɔ."

Ann bisa sɛ, "Biribiara a wunim no gyina nsɛm a nkurɔfo akyerɛw na wɔayɛ so?"

Chat buae sɛ, "Aane, metete me ho na misua denam nsɛm (anaasɛ deta) a nnipa ayɛ so."

7

"Metumi abua nsɛmmisa ahorow pii ntɛmntɛm sen nnipa. Metumi adi ɔhaw ahorow a emu yɛ den yiye a anka ebegye nnipa bere tenten ansa na wɔadi ho dwuma. Mewɔ nnipa nimdeɛ pii sen nnipa biako biara.

Metumi de nsɛm a misua no asi gyinae. Metumi aboa wo ma woapaw nneɛma, a egyina nea minim fa wo ho so."

8

Ann bisa atiefo no sɛ, "Yɛpɛ sɛ computer hu biribiara a yenim?"

Afei obisa chat sɛ, "Ka sɛnea kɔmputa sua nnipa ho ade no ho nsɛm pii?"

Chat buae sɛ. "Kɔmputa bi wɔ nnwinnade soronko a ɛboa me ma meboaboa nsɛm ano. Nanso titiriw no, misua biribi fi nsɛm a wɔakyerɛw mu. Misua biribi fi nsɛm ahorow nyinaa mu a nnipa yɛ."

9

Chat toa so sɛ, "Metumi akenkan kasa a wɔakyerɛw na wɔatimtim ato ho so. Ɛde besi ha no, borɔfo ayɛ kasa titiriw a mede adi dwuma de anya nsɛm. Nanso, mewɔ tumi a mede sua kasa biara."

Ann twa mu sɛ, "Mete ase sɛ wunim nsɛm pii. Na nkate nso ɛ? Wote nka dɛn wɔ nyansa a wɔde ayɛ nneɛma ho?"

10

"Meyɛ kɔmputa so dwumadi a ɛyɛ den nanso minni ankorankoro nkate.

Meyɛ kɔmputa so adwinnade, a kɔmputa so dwumadifoɔ na wɔyɛ de boa nnipa a wɔwɔ adwuma ne anigye dwumadi ahorow. Minni nsusuwii anaa nkate biara.

Metumi ayɛ dwumadi ahorow ama nnipa, te sɛ nsɛmmisa ho mmuae, nsɛm a wɔkyerɛw, kasa ahorow bi a wɔkyerɛ ase, ne nsɛm a wɔbɔ no mua."

11

"Woate no afi Eiai no ankasa mu! Ɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so, a nnipa abɔ ama nnipa. Na ɛyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛde adwinnade a tumi wom yi di dwuma nyansam na yɛde asɛyɛde di dwuma!

Ɛno nko ara na yɛwɔ berɛ ma nnɛ, ɛwom sɛ megye di sɛ wowɔ nsɛmmisa pii bio. Meyɛ Ann Asante, meda wo ase sɛ woahwɛ me ɔyɛkyerɛ no!"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ann nsɛmbisa ma Eiai
Author - Nina Orange
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Kenneth Boyowa Okitikpi
Language - Asante Twi
Level - Read aloud