

Ná Terna yɛ ɔbarima a onni fie. Ɔhwehwɛɛ nnuaba de yɛɛ aduani wɔ kwae mu.
Ɛtɔ da bi a na ɔda hɔ bere a akontromfi ne gorilla hwɛ no fi nnua ne nnuadewa mu no.
Ɔkyinkyin kwae no mu na ohui sɛ nnua pii wɔ hɔ.
Ɔyɛɛ n'adwene sɛ, "Saa nnua yi wɔ ha a ɛsɛe."
Esiane sɛ na wabrɛ esiane sɛ ɔkyinkyin nti, ɔtena ase, de ne ho too nnua no baako so na ɔdaɛ.
Nnua no maa no nyaa ahobammɔ fii owia ho na nnomaa no huruw kɔɔ soro na womu tow nnwom a ɛyɛ dɛ.
Ná onya adwene bi.
"Sɛ metwa nnua bi a, metumi anya sika na mabɛyɛ adan akɛse pii wura."
Ɔkɔɔ akuraa no ase kɔfɛm efidie a yɛ di twa nnua. Ofii ase twitwaa nnua.
Akaatia no srɛɛ no sɛ, "Mesrɛ wo, mma wontwa nnua no so. Wɔn ne yɛn ne nnomaa no fie. Wɔn nnuaba yɛ yɛn aduani."
"Mehia sika na ama matumi ayɛ m'ankasa fie," Terna kae.
"Ɛyɛ pɛsɛmenkominya sɛ wobɛsɛe mmoa ne nnomaa pii fie na wode ayɛ wo deɛ," akaatia no kae.
Na ɛyɛ Terna yaw. Ɔde efidie a yɛ di twa nnua no too fam na ɔyɛɛ akaatia no atuu.
N'adamfo no, akaatia no kyerɛe sɛ obetumi de atɛkyɛ ayɛ birikisi. Afei fa ɛsrɛ ne nnua a awu yɛ apata no.
Saa kwan no so no, na wɔn baanu nyinaa betumi anya afie.
Terna penee so. Ɔtaa kɔsra akaatia no. Akaatia no maa no kwan ma otetew nnuaba ne nnua a awu pii sɛnea obetumi.
Wɔbɛyɛɛ nnamfo pa paa.

