Ella ne aprɛ dua nyansa
Nneoma Ejeagba
Nneoma Ejeagba

Kurow bi mu no, na abayiwaa bi a ne ho yɛ fɛ a yɛfrɛ no Ella te hɔ.

Ná ɔware, na ne honam ani yɛ tuntum, na ne ti nhwi yɛ tuntum. Ná ɔwɔ aniwa a ɛyɛ nwonwa.

1

Ná Ella wɔ ɛse a ɛyɛ nsensan fitaa a ɛyɛ fɛ. Ná ɔyɛ abayiwaa bi a ne yem yɛ na ɔyɛ adwumaden. Wamma n'awofo ɔhaw da.

Adeɛ baako pɛ a ɛhaw n'awofo ne sɛnea na ɔpɛ sɛ ohu nneɛma pii no. Obisaa nsɛm a ɛyɛ soronko koraa.

2

Sɛ nhwɛso no, bere a ne pɛnsere no bubui no, Ella bisaa ne maame sɛ, "Maame, me pɛnsere no kɔɔ soro?"

N'awofoɔ brɛɛ Ella nsɛmmisa pii no nti ɛtɔ da bi a, wɔbuu wɔn ani guu no so.

3

Nanso, Ella nuabarima Henry tiee Ella nsemmisa bere nyinaa. Bere a nsuo bɛtɔ no obisaa sɛ, "So nsuo a ɛtɔ wɔ mununkum no mu no esu anaa?"

Ne nuabarima sereyɛ na obuae sɛ "Dabi!" Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nsuo tɔ bere a mframa a ɛyɛ hyew no yɛ nwini no.

4

Da koro bi, osii gyinae sɛ obefi adi akɔbɔ akɔneaba. Bere a ɔnam no, ohuu aprɛ dua bi na ɔbubuu ne nkorabata wɔ akwanhyia mu.

"Oh, dabi! ɛhia eduruyɛfoɔ," Ella kaa saa. Nea ɛyɛ nwonwa no, dua no buae. "Aane, mihia eduruyɛfoɔ."

5

Ella ho dwiriw no na obisaa sɛ, "Wobɛyɛ dɛn atumi akasa?" Dua no buae sɛ, "Meye dua a metumi abua wo nsemmisa nyinaa."

Ella bisaa bio sɛ, "Adɛn nti na abarimaawa no ntumi nte wo?" Dua no buae sɛ, "Efisɛ wammisa."

6

Ella tuu mmirika kɔɔ ne nuabarima nkyɛn kɔkaa nea esii kyerɛɛ no. Wɔn mmienu nyinaa tuu mmirika kɔɔ dua no ho ntɛm ara. Henry bisae sɛ, "So woyɛ obi ankasa?"

Dua no buae sɛ, "Meyɛ obi ankasa." Wɔn mmienu nyinaa de anigye sa yɛ.

7

Efi saa bere no, wɔanhaw wɔn awofo bio.

Bere biara a wobenya asɛmmisa bi no, wɔkɔɔ aprɛ dua no ho na ɛmaa wɔn nsɛmmisa ho mmuae.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ella ne aprɛ dua nyansa
Author - Nneoma Ejeagba
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Nneoma Ejeagba
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs