Ahɔhoyɛ
Alassane Sonta
Arthur Makali

Madina yɛ Karembe abusua no babaa panyin.

Abusua no te Bandiagara.

1

Da koro anwummere bi, Madina kɔɔ too ɛpon no mu.

Ohuu abaayewa bi ne abarimaawa bi.

2

Madina ho dwiriw no sɛ ohui sɛ mmofra baanu a wɔn ho yɛ nwonwa.

Ɔfrɛɛ ne papa sɛ, "Paapa! Paapa! Mmofra baanu na wɔwɔ ɛpon no ano."

3

Paapa de ahopere fii adi kɔɔ ɛpon no ano.

Bere a ohuu mmofra no, obisaa sɛ, "Moyɛ waenum? Mofi he?"

4

Abarimaawa no kasae sɛ, "Meyɛ Assama, na wae ne me nuabaa ketewaa, Yakôrômo."

Assama ne Yakôrômo te sɛ nea wɔabrɛ, ehu aka wɔn, na wɔn werɛ ahow.

5

Assama kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, "Yɛafi Songho akuraa ase, wɔ Doucombo nkuraase kurow no mu."

6

Paapa ho dwiriw no araa ma na ontumi nka hwee.

Madina kaa sɛ, "Papa, ma wɔn kwan mma wɔnbrɛ mu. Wɔabrɛ paa na ɛkɔm de wɔn. Wohia yɛn."

7

Yakôrômo kasae nea edi kan.

"Yɛn akuraa no ase na wɔbɛtow hyɛɛ yɛn so. Yɛhweree yɛn awofo. Yɛhweree biribiara."

8

Ɔkɔɔ so de nne ketewaa bi kasae.

"Yɛanantew nna pii. Yennim baabi a yɛbɛkɔ anaa nea yɛbɛyɛ."

9

Afei, na Paapa de ne nsa a abue no yɛɛ mmofra no atuu.

"Mumbra mu, mmofra, eyi ne mo fie. Yɛbɛka ho asɛm bere a moagye m'ahome no," ɔkae.

10

Mmofra no kɔkaa abusua no ho anwummere aduani, aduani a edi kan a ɛyɛ hyew a wɔadi wɔ nna kakraa bi mu.

Ɛno akyi no, Madina de Assama ne Yakôrômo kɔɔ wɔn dan mu.

11

Efi saa da no, na wobu Assama ne Yakoromo sɛ Karembe abusua no mufo.

Wɔne mmofra afoforo no di agorɔ na wɔyɛ efie nnwuma nyinaa.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ahɔhoyɛ
Author - Alassane Sonta, Amadomo dit Issaka Kodio, Djénèba Ganesse, Sira Diakité
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Arthur Makali
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs