

WÉ” akuraa ketewaa bi ase wÉ” Malawi no, na sukuu titiriw bi wÉ” hÉ”.
Wɔfrɛɛ no Chiko, ɔdɔ ho din tiawa.
Ná yɛn sukuu no yɛ beae a anidaso ne ɔdɔ wɔ.
Na ɛyɛ sukuu a wɔde ma nyisaa te sɛ me.
Ná nhwiren a ɛyɛ kɔla atwa yɛn sukuu no ho ahyia.
Ná kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, kɔkɔɔ a owia bɔ kɛse, ne bruu a asomdwoe wom wɔ hɔ.
Ná yɛn sukuu no yɛ beae a anigye wɔ.
Adwumayɛfoɔ no maa yɛn aduani ne sukuu ntade a yɛtua hwee.
Æmaa yÉ›tee ahobammÉ” ne É”dÉ” nka.
Sɛ ɛnyɛ sukuu yi a, anka minnim sɛnea yɛkenkan ade na yɛkyerɛw.
Anka mensua akontaa anaasɛ mɛhu nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nhoma mu.
Ná akyerɛkyerɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ yɛn sukuu mu no te sɛ abusua.
Wɔmaa yɛtee nka sɛ yɛho hia na yɛ som bo.
Ná da biara da wɔ yɛn sukuu mu no yɛ suahunu foforo.
Yesuaa mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛboa afoforo na yɛada ase wɔ nea yɛwɔ no ho.
ÆnyÉ› sÉ›nea yÉ›kenkan ade na yÉ›kyerÉ›w nko na me sukuu no kyerɛɛ me na mmom sÉ›nea mÉ›yÉ› onipa pa nso.
Ækyerɛɛ me sÉ› É›nam É”dÉ”, ayamye, ne nhomasua so no, yebetumi adi biribiara so.

