Yɛte ɛdan kurukuruwa mu
Nina Orange
Vusi Malindi

Nkorɔfoɔ te efie ahorow pii mu. Wɔde abɔdeɛ mu nneɛma te sɛ ɛsrɛ na ɛyɛ efie bi. Wɔnde nneɛma a nnipa ayɛ te sɛ ahwehwɛ ne kɔnkriti na ɛyɛ efie afoforo.

Wɔnde nneɛma a efi abɔdeɛ mu ne nea wɔn ayɛ nyinaa na ɛyɛ efie bi, te sɛ ɛdan kurukurua ɛwɔ saa abasɛm yi mu no.

1

Kabo ne Thabo te Kgatleng masnini mu wɔ Botswana, a ɛbɛn Mochudi akuraa no ase. Wɔne wɔn awofo te ɛdan kurukuruwa mu.

Kabo kyerɛkyerɛ mu sɛ, "Ɛdan kurukuruwa no yɛ tete dan kurukuruwa a ɛwɔ dan atifi a yɛde ɛsrɛ ayɛ."

2

Thabo toa so sɛ, "Adan kurukuruwa dodow no ara yɛ kurukuruwa, ɛwɔ ɛpon ne mfɛnsere. Yɛwɔ ahwehwɛ mfɛnsere, a na wonni wɔ tete mmere mu."

"Yɛn nana barima na osii ɛdan kurukuruwa yi wɔ tete kwan so. Yɛn papa de nnɛyi nneɛma bi kaa ho," Kabo kae.

3

Kabo hyɛ nyansa sɛ, "Momma yɛnkyerɛkyerɛ adansi nhyehyɛe no mu."

Ɔka sɛ, "Adansifoɔ no de nnua, ɛsrɛ, aboɔ, atɛkyɛ ne nea yɛ de fam dii dwuma.

Wɔn efii ase tutu amena donkodonko. Wɔde aboɔ nketewa, dɔte, ne anhwea de gu amena donkodonko ne mu. Eyi ma fapem a ɛyɛ den a wɔde bi be si so."

4

Thabo toa so sɛ, "Adansifoɔ no piaa nnua atenten kɔɔ fapem no mu, twaa akyi ano ho hyiae. Wɔkyekyeree nnua no boom, a wɔde bɛyɛ nnua wɔn a wene di ma akyi ban no.

Sɛ wɔwie mfitiaseɛ dan no a, adansifoɔ no de aboɔ bom yie wɔ nnua wɔn a wene no mu."

5

"Nea edi hɔ no, adansifoɔ no de dɔteɛ, nsu, ne nantwi nsõ fraa mu. Eyi yɛ abɔdeɛ mu atɛkyɛ a ɛyɛ den yiye bere a ɛwow. Wɔhyehyɛɛ atɛkyɛ a ɛwɔ abo no ntam no de siesiee wɔn wɔ nea ɛwɔ hɔ no mu," Kabo ka.

Thabo de ka ho sɛ, "Aboɔ ne atɛkyɛ a wɔde si dan no yɛ ban a ɛyɛ den na ɛtena hɔ kyɛ."

6

Kabo se, "Abɔnten ban a ɛyɛ den bɔ ɛdan kurukuruwa no ho ban."

Thabo kyerɛkyerɛ mu sɛ, "Ban bɔ no kyerɛ sɛ emu yɛ nwini bere a wim yɛ hye wɔ abɔnten. Ewia no hyew ntumi nkɔ ban no mu.

Wɔ mmeae a awɔw bere a emu yɛ nwini no, saa ban bɔ yi ma adan kurukuruwa yi mu yɛ hyew wɔ awɔw bere mu denam so ɛma ɔhyew ɛkɔ so tena mu."

7

Thabo ka sɛ, "Adansifoɔ yɛ yɛn ɛdan kurukuruwa no fam denam atɛkyɛ a wɔde hyɛɛ fapem a wɔyɛe no mu no so."

Kabo se, "Sɛnea ɛbɛyɛ a wobewie fam no, wɔtrɛw atɛkyɛ a etwa to mu na wɔde boaboaa ano. Eyi woyɛ na ɛyɛ den na ɛmaa no yɛ tratraa maa fam no."

8

Thabo se, "Afã a etwa toɔ ne sɛ wɔde dan no atifi bɛto so. Adan kurukuruwa taa wɔ dan atifi a ɛyɛ nsensanee.

Adansifoɔ no yɛɛ nnua a wɔaka abom wɔ mfinimfini baabi. Wɔpam ɛsrɛ nkuruwankuruwa guu nnua no so wɔ ntoatoaso mu. Ɛsrɛ dan atifi yɛ nea nsu ntumi nkɔ mu."

9

Ɛsrɛ yɛ ade a mfaso wɔ so ma dan atifi. Nanso saa abɔdeɛ mu ade yi nso ma nkoekoemmoa ne mmoa afoforo nya ofie pa. Wɔn mu pii yɛ mmoawa a wɔsɛe nnɔbae!

Hwɛ mfonini no na hwehwɛ: ananse mmiɛnsa, nyanyankyerɛ, ɔbankuo, mfɔteɛ, ne akura?

10

Abɔdeɛ mu nneɛma te sɛ ɛsrɛ ma tebea pa ba ma ananse tra na wɔbɔ abɔmmɔ.

Ananse nsɛe ɛsrɛ no na ɛboa ma wodi nkoekoemmoa afoforo so.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ɛsrɛ no so na ama mmoawa a wɔsɛe nnɔbae te sɛ nkura, nwansena, ne mfɔteɛ ntumi nkɔ hɔ.

11

"Yɛn mu pii te ɛdan kurukuruwa yi mu!" Thabo ka sɛ, wo bira a wo hwɛ ɛsrɛ no. Ɔsuro ananse.

"Me dwene sɛ abɔdeɛ foforɔ bɛn na wɔte yɛn ho?" Kabo bisae, a ne ho yeraw no.

"Sɛ me si me fie a, mɛsi ɛdan kurukuruwa a wɔde taeli ayɛ dan atifi!" Kabo serew.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Yɛte ɛdan kurukuruwa mu
Author - Nina Orange, Ursula Nafula
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Vusi Malindi
Language - Asante Twi
Level - Read aloud