

Nkurɔfo te efie ahorow pii mu. Nnipa binom te efie a wɔasisi a ɛkyɛ bere tenten mu. Afoforo nso te efie a ɛyɛ bere tiaa mu na ɛnkyɛ.
Saa nhoma yi fa bere tiaa mu fie bi a wɔde tete aseseɛ na ɛyɛ.
Saa bere tiaa efie yi wɔ Kenya atifi-mfinimfini, wɔ Samburu mantam mu. Anuanom mmea Sidai ne Naeku te seseɛ bi mu, na wɔn awofo ne wɔn nuabarima a ɔyɛ akokoaa no te seseɛ bi mu.
Wɔn papa nua barima ne wɔn nuanom mpanyimfo baasa tena aseseɛ afoforo no mu, ne wɔn mmusua.
Mmusua no bom di wɔn anantwi kɔ adidi na wɔboa wɔn ho wɔn ho. Wɔntra baabi bere tenten koraa. Wotu kɔhwehwɛ adidibea di ma anantwi no.
Nkasɛe nkorabata ban bi atwa bere tiaa efie no ho ahyia. Saa ban yi ma anantwi kɔ so tra no mu na ɛnma ahɔho mma mu.
"Yɛhyɛ adansi nhyehyɛe no ase denam nneɛma a yɛboaboa ano fi yɛn mpɔtam hɔ so. Yɛboaboa nnua nkorabata ano de yɛ seseɛ no nhyehyɛe titiriw," Sidai ka.
Naeku de ka ho sɛ, "Yɛnim sɛdeɛ yɛde abɔdeɛ mu nneɛma di dwuma de bɔ yɛn efie. Obiara a ɔwɔ bere tiaa efie mu no boa ma yɛsi dan."
Sidai kyerɛkyerɛ mu sɛ, "Yɛde nkorabata akɛse yɛ nnua a ɛyɛ den ma ban no. Yɛde forofo kyekyere ɔdan no atifi nnua no ho, na yɛyɛ nnua a ɛyɛ den ma apata no nyinaa."
"Aseseɛ no wɔ atifi a ɛba fam, na ɛma ɛyɛ den sɛ mframa ɛbɛbɔ wɔn," Naeku ka kawo.
Sidai toa so sɛ, "Sɛ aseseɛ no nnua gyina hɔ wie a, yɛ nwene nkorabata a ɛyɛ tratraa wɔ nkorabata a ɛyɛ den no ntam."
Naeku de ka ho sɛ, "Yɛyɛ ɛsrɛ a ɛyɛ den na yɛkyekyere wɔ dan no atifi. Yɛfrɛ wei sɛ asebɔ."
Sidai de ka ho sɛ, "Asebɔ pa bɔ yɛn ho ban fi nsuo tɔ ne ewia ho."
Sidai de ka ho sɛ, "Yɛn aseseɛ no atifi betumi ayɛ petee anaa kurukuruwa."
Naeku se, "Plasta adwuma yɛ m'anigye fã dan si ho. Yɛde atɛkyɛ ne nsõ frafra ma ɛyɛ abɔdeɛ mu plasta. Yɛde saa plasta yi hyɛ ban no mu, yɛhyɛ mmeae no ma. Eyi boa ma mframa ne anhwea nkɔ so."
Sidai toa so sɛ, "Plasta a wode bɛhyɛ ban no mu bere a saa ban no ayɛ nwunu no. Yɛsan nso plasta ban no ani. Plasta a awow no yɛ den."
Naeku de ka ho sɛ, "Mfɛnsere biara nni ban no mu, nanso yɛn seseɛ no wɔ nnua pon."
Sidai ka sɛ, "Ɛban ho plasta ɛbɔ aseseɛ ne ho ban." "Dɛn na 'ban bɔ ' kyerɛ?" Naeku bisae.
"Atɛkyɛ ne nsõ ban boa ma seseɛ no mu yɛ nwini wɔ mu bere a ɛyɛ hyew wɔ abɔnten. Wɔ wim tebea a ɛyɛ nwini mu no, ban no boa ma yɛn ho yɛ hyew denam ogya no hyew a okura mu no so," ne nuabaa no buae.
"Obiara a ɔwɔ bere tiaa efie no mu no boa ma yesi, na yɛn nyinaa boa ma yɛtetew aseseɛ no mu bere a yɛatu no.
Ɛnyɛ den sɛ wobɛtetew adan no mu na wode afã horow no adi dwuma bio wɔ beae foforo," Sidai kyerɛkyerɛ mu.
"Yɛn adansi nneɛma no mu yɛ hare, enti ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛkɔ. Yɛde yoma anaa afurum di dwuma de nneɛma biara a mfaso wɔ so fi yɛn bere tiaa efie dedaw no mu. Sɛ nhwɛso no, dan atifi a yɛde ɛsrɛ ayɛ," Sidai ka.
Naeku de ka ho sɛ, "Yebetumi nso aboaboa adansi nneɛma pii ano afi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no mu wɔ beae foforo no."
Sidai ka sɛ, "Yɛn fie fata kwan a yɛfa so tra ase no, a ɛne sɛ yɛne yɛn nguankuw no bedi akɔneaba."
Naeku ka sɛ, "Sɛ yetu twa ho hyia a, ɛkyerɛ sɛ yɛrentumi ne yɛn nnamfo nkɔ sukuu bere nyinaa."
Sidai de ka ho sɛ, "Yɛn sukuu ma yɛfɛm nhoma, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ne sukuu dwumadi akɔ so."

