

Nkurɔfo te efie ahorow pii mu. Nnipa binom te efie a ɛkorɔn wɔ wim mu. Afoforo nso te efie mu a ɛwɔ fam.
Adan atenten betumi ayɛ efie pii a wosisi ntoatoa so. Nhoma yi fa ɛdan a ɛkorɔn a ɛwɔ abansoro pii ho.
Mishelle ne Catherine yɛ anuanom mmaa. Ɛkame ayɛ sɛ Mishelle awie ntoaso sukuu. Catherine wɔ n'afe a etwa toɔ wɔ mfitiase sukuu mu.
Anuanom mmaa no ne wɔn awofo ne wɔn nanabaa te, wɔ dan tenten bi mu wɔ Nairobi. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtra soro wɔ kurow no atifi, te sɛ nnomaa a wɔwɔ dua a ɛware sen biara no mu.
Abusua no te ɛdan bi a ɛwɔ abansoro a ɛto so aduonu mmienu a ɛwɔ abantenten dan no mu. Wɔn de efidie a ɛma nnipa so de kɔ wɔn fie.
Catherine kan fam bere a ɛrekɔ soro ne fam no. Ɔpɛ sɛ ɔyɛ wimhyɛnkafo da bi. Mishelle pɛ sɛ ɔyɛ mfiridwumayɛfo na ɔyɛ adan a ɛkorɔn.
Catherine bisa sɛ, "So yɛn dan no ne dan a ɛware sen biara wɔ abibirɛm?"
Mishelle bua sɛ, "Dabi, dan yi tenten bɛyɛ mita ɔha ne aduanu nsia. Ɛdan a ɛware sen biara wɔ abibirɛm no boro mita ahasa ne aduɔkron mmiensa kakra. Ɛdan a ɛware sen biara wɔ wiase no bɛyɛ mita ahanwɔtwe ne aduasa!"
"Wow! Ɛkwan bɛn so na adan atenten a ɛte saa no kɔ so gyina hɔ?" Catherine dwene.
"Ne titiriw no, wɔyɛ abansoro adan nyinaa kwan koro so. Nneɛma atitiriw mmienu a wɔde si adan no yɛ dade ne kɔnkreti.
Wɔasi abansoro dan bi a ɛwɔ fam, na efi ase de dade a wɔde ayɛ nnua, na wɔde kɔnkreti ka ho twa nnua no ho hyia. Saa nneɛma no a wɔaka abom no mu yɛ den yiye na ɛtra hɔ kyɛ," Mishelle bua.
Sɛnea ɛbɛyɛ na adansi adwumayɛfoɔ no asi abansoro dan no, ɛsɛ sɛ wodi kan tu amena donkodonko a emu dɔ yiye ma dan no fapem.
Wɔ ɛkwan koro no ara a dua tenten bi wɔ ntini akɛse a emu dɔ so no, ɛsɛ sɛ dan a ɛkorɔn no nya fapem a emu yɛ den wɔ botan bi so. Ɛtɔ da bi a, botan no wɔ asase no mu tɔnn.
Afei, adwumayɛfoɔ yɛ firem ma dan no. Wɔde dade asinasin atenten na ɛyɛ frame no.
Dade a wɔde ayɛ no ma ɛyɛ yiye sɛ wobesi dan tenten bi. Dade tumi soa emu duru pii.
Dade a wɔde yɛ dan no yɛ dan no mu ade titiriw, te sɛ obi nnompe.
Dade nso betumi ayɛ nea ɛyɛ mmerɛw. Ɛno kyerɛ sɛ ɔdan bi tumi wosow kakra (ɛwom sɛ eyi yɛ den sɛ wobehu de).
Sɛ mframa a ano yɛ den, anaa asasewosow wɔ hɔ a, dade a ɛwɔ mu no ma dan bi wosow kakra.
Dade yɛ ahoɔden a ɛyɛ mmerɛw no mu ade titiriw.
Nneɛma titiriw foforo a wɔde si dan no yɛ kɔnkreti. Kɔnkreti yɛ nneɛma te sɛ anhwea, semɛnte, ne nsu a wɔde afra. Adwumayɛfoɔ fra kɔnkreti ma ɛyɛ nsu a ɛyɛ den, na wohwie gu nnua a atwa dade dan no ho ahyia mu.
Sɛ kɔnkreti yɛ a, ɛbɛyɛ den, te sɛ abotan. Eyi ma dan no fam ne n'afasu.
Adwumayɛfoɔ si abansoro dan bi kɔ soro, fam biara. Ɛsɛ sɛ fam a ɛwɔ fam no gyina mu duru pii. Kɔnkreti betumi aboa saa nhyɛso no, na ama dan no ayɛ den na ayɛ pintinn.
Kɔnkreti no yɛ ade a atwa dade no ho ahyia, na ɛbɔ dade no ho ban fi nsu ne mframa ho. (Nsu ne mframa ma dade ma ɛyɛ nwunu.)
Wɔkyekye ndade a ɛwɔ efidie a edi nnipa kɔsoro no nso wɔ saa penpenso yi mu. Sɛ dade ne kɔnkreti dan no wie a, adwumayɛfoɔ de mfɛnsere sisi hɔ. Afei wɔde dan atifi ne ɛban ka ho na wowie fam no.
Ɛdan no hia anyinam ahoɔden nhama ne nsu paipu a wɔde yɛ nsu ne ahotew ho nhyehyɛe.
Awiei koraa no, adwumayɛfoɔ de akanea, apon, nkuku, ne nneɛma afoforo gu dan a ɛwɔ soro a wɔtra mu na wɔyɛ adwuma mu.
Mishelle se, "Nkurow akɛse pii resa wɔ ahunmu. Adan atenten de ahunmu di dwuma yiye. Sɛ meyɛ mfiridwumayɛfoɔ a, mɛboa ma wɔasi sorosoro a ɛware sen biara wɔ asase so!"

