Yɛte abansoro dan bi mu
Nina Orange
Kenneth Boyowa Okitikpi

Nnipa te afie ahorow pii mu. Nnipa binom te afie a ɛkorɔn mu. Afoforo nso te afie a ɛwɔ fam mu.

Adansi adan atenten betumi akura afie pii a wɔasisi wɔ wɔn ho wɔn ho so. Saa nwoma yi fa abansoro dan a ɛwɔ abansoro pii a wɔbɛsi ho.

1

Mishelle ne Catherine yɛ anuanom mmea. Ɛkame ayɛ sɛ Mishelle awie ntoaso sukuu. Catherine wɔ n'afe a etwa to wɔ mfitiase sukuu mu.

Anuanom mmea no ne wɔn awofo ne wɔn nanabea te, wɔ ɔdan tenten bi mu wɔ Nairobi. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtra kurow no atifi, te sɛ nnomaa a wɔwɔ dua a ɛware sen biara mu.

2

Abusua no te ɔdan bi a ɛwɔ abansoro tenten a ɛto so aduonu mmienu (22) so mu. Wɔde pagya fidie na ɛkɔ wɔn fie.

Catherine kan fam bere a wɔretu kwan akɔ soro ne fam no. Ɔpɛ sɛ ɔyɛ wimhyɛnkafo da bi. Mishelle pɛ sɛ ɔyɛ mfiridwumayɛfo na osisi adan a ɛkorɔn.

3

Catherine bisa sɛ, "So yɛn dan no ne ɔdan a ɛware sen dan biara wɔ Afrika?"

Mishelle bua sɛ, "Dabi, saa dan yi tenten bɛyɛ basafa ɔha ne aduonu nsia (126). Ɔdan a ɛware sen biara wɔ Afrika no boro basafa ahaasa ne aduonkron mmiensa (393) kakra. Ɔdan a ɛware sen biara wɔ wiase no bɛyɛ basafa aha nwotwe ne aduasa (830)!"

"Wow! Ɔkwan bɛn so na adan atenten a ɛte saa kɔ so gyina hɔ?" Ɛyε Catherine nwonwa.

4

"Ne titiriw no, wɔyɛ abansoro adan nyinaa wɔ ɔkwan koro so. Nneɛma atitiriw abien a wɔde si dan ne dade ne anwea.

Wɔsi abansoro dan bi fam biara, na wofi ase de dade a wɔde ayɛ dan no, na wɔde anwea ka ho twa ntama no ho hyia. Saa nneɛma no a wɔaka abom no mu yɛ den yiye na ɛtra hɔ kyɛ," Mishelle bua.

5

Sɛ adansifo no besi abansoro dan a, ɛsɛ sɛ wodi kan tutu amoa a emu dɔ yiye ma ɔdan no fapem.

Sɛnea dua tenten bi wɔ ntini akɛse a emu dɔ no, ɛsɛ sɛ wim dan bi nya fapem a ɛyɛ den wɔ ɔbotan bi so. Ɛtɔ da bi a ɔbotan no mu dɔ wɔ asase no mu.

6

Afei, adwumayɛfo yɛ nnua a wɔde yɛ ɔdan no. Wɔde dade asinasin atenten na ɛyɛ nnua no.

Ayεbea a wɔde dade ayɛ ma ɛyɛ yiye sɛ wobesi ɔdan tenten. Dade tumi soa adesoa pii.

Dade a wɔde yɛ ɔdan no mu ade titiriw, te sɛ obi nnompe.

7

Dade nso betumi ayɛ nea ɛyɛ mmerɛw. Ɛno kyerɛ sɛ ɔdan bi tumi wosow kakra (ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu eyi de).

Sɛ mframa a ano yɛ den bɔ, anaa asasewosow a, dade a ɛwɔ mu no ma ɔdan bi wosow kakra.

Dade tumi yɛ den saa yɛ mmerɛw.

8

Ade titiriw foforo a wɔde si dan ne anwea. Anwea yɛ nneɛma te sɛ nete, semɛnte, ne nsu a wɔde afrafra.

Adwumayɛfo fra anwea ma ɛyɛ nsu a ɛyɛ den, na wohwie gu nnua a atwa dade dan no ho ahyia mu.

Sɛ anwea si hɔ a, ɛbɛyɛ den, te sɛ ɔbotan. Eyi ma ɔdan no fam ne afasu.

9

Adwumayɛfo si abansoro dan bi kɔ soro, fam biara. Ɛsɛ sɛ fam a ɛwɔ fam no gyina mu duru pii. Anwea betumi aboa saa nhyɛso no, na ama ɔdan no ayɛ den na ayɛ den.

Anwea no ye ade a etwa dadeɛ a ewo ho no ho, na ebɔ dadee no ho ban firi nsuo ne mframa ho. (Nsuo ne mframa ma dadeɛ no we daakye.)

10

Ɛbere yi na wode dadeε yε apagya dadeε no. Sɛ dade ne anwea dan no wie a, adwumayɛfo de mfɛnsere sisi hɔ. Afei wɔde ɔdan no atifi ne afasu ka ho na wɔwie fam no.

Ɔdan no hia anyinam ahoɔden nhama ne nsuo afiri a wɔde yɛ nsuo ne ahotew.

11

Awiei koraa no, adwumayɛfo de akanea, apon, nkuku, ne nneɛma afoforo a wɔde bɛtra ɔdan a ɛkorɔn mu na wɔayɛ adwuma gu mu.

Mishelle se, "Nkuro akɛse pii mu ahunmu resa. Adansi adan atenten de ahunmu di dwuma yiye. Sɛ meyɛ mfiridwumayɛfo a, mɛboa ma wɔasisi abansoro dan a ɛware sen biara wɔ asase so!"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Yɛte abansoro dan bi mu
Author - Nina Orange, Ursula Nafula
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Kenneth Boyowa Okitikpi
Language - Akuapem Twi
Level - Read aloud