

Nkoekoemmoa te afie ahorow pii mu. Nkoekoemmoa binom bom tra akuw akɛse mu, ebinom nkutoo na wɔte.
Saa abasɛm nhoma yi fa Naeku ne Naserian - anuanom mfɔteε baanu a wɔte sare so wɔ Kenya kesee fam ho.
Anuanom mmea no te akuw bi a mfɔteε afoforo bɛyɛ 80,000 ka ho.
Mfɔteε kuw bi te berebuw bi a wɔde dɔte ayɛ mu. Saa berebuw yi betumi ayɛ asase ase, anaa asase so, anaa n'abien nyinaa.
Berebuw no fã a yebetumi ahu wɔ fam no yɛ mfɔteε mu. Fɔteε nkoko dodow no ara wɔ fam bɛyɛ mita abien kosi anum.
Mfɔteε a wɔwɔ atubraman no mu no yɛ dwumadi ahorow ma kuw no nyinaa. Naeku ne Naserian yɛ mfɔteε adwumayɛfo. Adwumayɛfo nyinaa yɛ mmea. "Yɛyɛ adansifo ne mfiridwumayɛfo!" Naeku ka.
Adwumayɛfoɔ no mfɔteε si na wɔhwɛ fɔteε berebuw no so. Naserian se, "Yɛkyekyere nhyehyɛe akɛse a ɛyɛ den."
Naeku de nyansahyɛ ma sɛ, "Momma yɛnkyerɛkyerɛ sɛnea yesisi yɛn afie mu. Yɛde asase ase akwan a yetutu fa asase mu na efi ase."
Naeku twa n'asɛm mu, "Yɛde yɛn anom a tumi wom no tutu asase no mu. Yebetumi atu asase pii!"
Naserian ka sɛ, "Nea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ ahu sɛ yɛn akwan no afasu mu yɛ den no, yɛde ntasu (nsu) ne dɔte a ɛyɛ nnam kata so."
"Sɛ afrafrade a ɛyɛ nnam no wow a, ɛyɛ den te sɛ dɔte. Fɔteε berebuw betumi atra hɔ akyɛ yiye," Naeku de ka ho.
"Yɛsoa asase a yetutu no na yɛde yɛ ɔbotan wɔ fam. Mpɛn pii no, bepɔw no yɛ kurukuruwa anaasɛ ɛte sɛ kɔne, na ɛwɔ akwan pii," saa na Naserian ka.
"Fɔteε nkoko binom korɔn te sɛ mita akron!" Naeku ka.
Fɔteε yɛ nkoekoemmoa a wɔte nnipakuw kɛse mu. Wɔwɔ dwumadie ahodoɔ a wɔde bɔ colony no na wɔhwɛ so.
Mfɔteε adwumayɛfoɔ te sɛ Naserian ne Naeku tutu na wɔkyekyere berebuw no. Asraafo nwansena wɛn berebuw no. Adwumayɛfo ne asraafo nyinaa fi adi kɔhwehwɛ mmeae foforo a wɔbɛyɛ berebuw.
Nεεse mfɔteε hwɛ ɔhemmaa ne nkokoaa fɔteε a wɔfrɛ wɔn akokono.
Berebuw no wɔ mmeae ahorow. Pia wɔ hɔ ma ɔhemmaa no, adan a ntontom betumi atra mu, ne adan a wɔde nnuan sie. Asase ase kwan mmeae ahorow no bom.
Ɔhemmaa no ne fɔteε kɛse na otumi tra ase kyɛ sen biara.
Naserian toa so sɛ, "Yɛyɛ akwan anaa nnua a wɔde fa nsu mu kɔ soro ma mframa pa fa berebuw no mu."
Naeku de ka ho sɛ, "Mfɔteε hia mframa pa na wɔatumi atra ase."
Naserian kyerɛkyerɛ mu sɛ, "Nnadeε no nso boa ma wɔhwɛ ɔhyew a ɛwɔ berebuw no mu so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ hyew dodo."
"Yɛwɔ turo wɔ yɛn berebuw mu, baabi a yedua nwansena. Yɛboaboa afifide nketenkete ne abɔde mu nneɛma afoforo ano, na yɛde nyin ntontom," Naserian ka.
"Yum!" Naeku teɛm. "Apotobibire turo ahorow no ma akuw no nyinaa aduan. Yɛn nko ara ne mfɔteε a yɛyɛ apotobibire."
Mfɔteε akuw wɔ ɔhemmaa ne ɔhene. Adwumayɛfo no ma saa akuw no mufo a wɔho hia yi aduan na wɔbɔ wɔn ho ban.
Mfɔteε hemmaa taa tra ase bɛyɛ mfe aduanu kosi aduasa. Otumi to nkesua ɔpepem pii wɔ ne nkwa nna mu. Akokono fi nkesua mu na nεεse mfɔteε hwɛ wɔn.
Naserian ka sɛ, "Wɔahyehyɛ mfɔteε fekuw yiye paa. Fɔteε biara boa ma kuro no nyinaa tra ase na enyin."
Naeku de ka ho sɛ, "Yɛn mu biara wɔ adwuma bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na yɛyɛ. Nwansena bom yɛ adwuma yiye."
Naserian pene so sɛ, "Yiw. Afei momma yɛnsan nkɔ fam tutu so!"

