Yɛn sukuu titiriw no
Juwayiliya Bunaya
Yankho Jere

Wɔ akuraa ketewa bi ase wɔ Malawi no, na sukuu soronko bi wɔ hɔ.

E na wɔfrɛ no Chiko, edin tiawa bi ma ɔdɔ.

1

Na yɛn sukuu no yɛ beae a anidaso ne ɔdɔ wɔ.

Ná ɛyɛ sukuu a wɔde ma nyisaa te sɛ me.

2

Na nhwiren a ɛyɛ kɔla ahorow atwa yɛn sukuu no ho ahyia.

Nhwiren kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, kɔkɔɔ a owia bɔ kɛse, ne bruu a asomdwoe wom wɔ hɔ. Yɛn sukuu no yɛɛ anigye beae.

3

Adwumayɛfo no maa yɛn aduan ne sukuu ntade a wontua hwee.

Ɛmaa yɛtee nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ na yɛdɔ yɛn.

4

Sɛ ɛnyɛ sukuu yi a, anka minnim akenkan ne akyerɛw.

Anka merensua sɛ mede nɔma bɛka ho anaasɛ mɛhu nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nhoma mu.

5

Ná akyerɛkyerɛfo ne adwumayɛfo a wɔwɔ yɛn sukuu no mu no te sɛ abusua.

Wɔmaa yɛtee nka sɛ yɛho hia na yɛdɔ yɛn.

6

Da biara da wɔ yɛn sukuu mu no yɛ adventure foforo.

Yesua bo a ɛsom sɛ yɛboa afoforo na yɛda ase wɔ nea yɛwɔ no ho.

7

Ɛnyɛ akenkan ne akyerɛw nko na me sukuu no kyerɛɛ me na mmom sɛnea mɛyɛ onipa pa nso.

Ɛkyerɛɛ me sɛ sɛ yɛde ɔdɔ, ayamye, ne nhomasua di dwuma a, yebetumi adi biribiara so nkonim.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Yɛn sukuu titiriw no
Author - Juwayiliya Bunaya, Zahira Suwedi
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Yankho Jere
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs