Yɛn fie, wo fie
Vyandeh Terkule
Vyandeh Terkule

Ná Terna yɛ ɔbarima a onni fie. Ɔhwehwɛɛ nnuaba de yɛɛ aduan wɔ kwae mu.

Ɔtɔ da bi a ɔda hɔ sɛ sisire ne akaatia hwɛ no fi nnua ne nnuadewa no mu.

1

Ɔkyinkyin kwae no mu na ohuu nnua pii.

"Nnua yi resɛe wɔ ha," ɔyɛɛ n'adwene.

2

Esiane sɛ na wabrɛ sɛ ɔbɛkyinkyin nti, ɔtraa ase, de ne ho too nnua no biako so dae.

Nnua no bɔɔ no ho ban fii owia ho na nnomaa no huruw kɔɔ soro too nnwom a ɛyɛ dɛ.

3

Ná ɔwɔ adwene bi.

"Sɛ metwa nnua bi a, metumi anya sika na mayɛ apanyin pii wura."

4

Ɔkɔɔ akuraa no ase kɔfɛm saw. Ofii ase twaa nnua.

Akaatia no srɛɛ no sɛ, "Mesrɛ wo, ntwitwa nnua no. Wɔyɛ yɛn ne nnomaa no fie. Wɔn nnuaba yɛ yɛn aduan."

5

"Mehia sika na mede ayɛ m'ankasa me fie," Terna kae.

"Ɛyɛ pɛsɛmenkominya sɛ wobɛsɛe mmoa ne nnomaa pii fie de ayɛ wo de," akaatia no kae. Terna yɛɛ no yaw. Ɔtoo saw no na ɔyɛɛ akaatia no atuu.

6

N'adamfo, akaatia no hyɛɛ nyansa sɛ obetumi de atɛkyɛ ayɛ birikisi na ɔde sare ne nnua a awu ayɛ apata no.

Saa kwan no so no, wɔn baanu nyinaa betumi anya afie.

7

Terna penee so. Ná ɔtaa kɔsra akaatia no. Akaatia no maa no kwan ma otutuu nnuaba ne nnua a awu pii sɛnea obetumi.

Wɔbɛyɛɛ nnamfo pa paa.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Yɛn fie, wo fie
Author - Vyandeh Terkule
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Vyandeh Terkule
Language - Akuapem Twi
Level - First paragraphs