

Madina yɛ Karembe abusua no babaa panyin.
Abusua no te Bandiagara.
Anwummere bi, Madina kɔtoo pon no mu.
Ohuu abeawa bi ne abarimaa bi.
Madina ho dwiriw no sɛ ohui sɛ mmofra baanu a wɔnyɛ nwonwa.
Ɔfrɛɛ n'agya sɛ, "Papa! Agya! Mmofra baanu na wɔwɔ ɔpon no ano."
Agya de ahopere firii adi kɔɔ ɔpon no ano.
Bere a ɔhunuu mmofra no, ɔbisaa sɛ, "Mo ne hena? Ɛhe na wofi?"
Abarimaa no kasae sɛ, "Meyɛ Assama, na eyi ne me nuabea ketewa, Yakôrômo."
Assama ne Yakôrômo hwɛ a wabrɛ, ehu aka no na ne werɛ ahow.
Asama toaa so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, "Yɛfiri Songho akuraa ase, wɔ Doucombo nkuraase kurom hɔ."
Paapa ho dwiriw no araa ma na ontumi nkasa.
Madina kaa sɛ, "Papa, ma wɔnkɔ mu. Wɔbrɛ paa na ɔkɔm de wɔn. Wohia yen."
Yakôrômo kasae nea edi kan.
"Wɔtow hyɛɛ yɛn akuraa no so. Yɛhweree yɛn awofo. Yɛhwere biribiara."
Ɔkɔɔ so kasae wɔ nne ketewaa bi mu.
"Yɛanantew nna pii ni. Yɛnnim baabi a yɛbɛkɔ anaa nea yɛbɛyɛ."
Afei, Agya de ne nsa abue yɛɛ mmofra no atuu.
"Mommra mu, mmofra, mo fie ni. Yɛbɛka ho asɛm bere a woagye w'ahome no," ɔkae.
Mmofra no bɛkaa abusua no ho maa anwummere aduan, aduan a ɛyɛ hyew a edi kan a wodii wɔ nna mu.
Afei, Madina faa Assama ne Yakôrômo kɔɔ wɔn dan mu.
Efi saa da no, na wobu Assama ne Yakoromo sɛ Karembe abusua no mufo.
Wɔne mmofra afoforo no di agoru na wɔyɛ ofie nnwuma nyinaa.

