Nkwaseafo baanum
Chuol Dow Wich
Kenneth Boyowa Okitikpi

Bere bi a atwam no, na mmarima nkwaseafo baanum te faako. Wɔkaa biribiara ho asɛm.

da baako, aduane sae. Wɔfrɛɛ nhyiam bi. "Ɛhe na yɛn aduan a edi hɔ no befi mu aba?" Wɔn mu baako bisae.

1

Na asɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ mmerɛw biara nni hɔ efisɛ na wonni sika na wonni nnamfo wɔ mpɔtam hɔ.

Bere a wosusuw ho simma kakraa bi akyi no, wɔn mu biako kae sɛ, "Momma yɛnkɔ!" Onipa a ɔto so abien no bisaa sɛ, "Ɛhe?"

2

Onipa a ɔto so abiɛsa no kae sɛ, "Sɛ wobewia aduan." Nea ɔto so nnan no kae sɛ, "So wɔrenkyere yɛn?"

Onipa a ɔto so anum no kaa sɛ, "Mma ɛnhaw wo wɔ saa asɛm no ho!"

Mmarima baanum no kɔɔ gua so sɛ wɔrekɔwia biribi adi.

3

Bere a wofii ase wiaa ade ara pɛ na wɔkyeree wɔn!

Wɔde mmarima baanum no kɔɔ polisifo adwumayɛbea.

4

Bere a wɔreyɛ nhwehwɛmu no, polisifo no bisae sɛ, "Hena adwene ne sɛ obewia aduan?"

Mmarima no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɔ wɔn ho nkɔmmɔ. Afei wɔkaa sɛnea ɛbaa no kyerɛɛ polisifo.

5

Onipa a odi kan no kae sɛ, "Mehyɛɛ nyansa sɛ mfi hɔ nkutoo, na ɛnyɛ korɔnbɔ."

Onipa a ɔto so abien no kaa sɛ, "Ná mepɛ sɛ mihu baabi a yɛrekɔ."

Onipa a ɔto so abiɛsa no kae sɛ, "Yɛn nyinaa penee so sɛ yɛbɛhwehwɛ aduan."

6

Onipa a ɛtɔ so nnan no kaa sɛ, "Mebɔɔ yɛn nyinaa kɔkɔ sɛ wɔbɛkyere yɛn."

Na onipa a ɔto so anum no kaa sɛ, "Yɛn nyinaa nim sɛ yɛyɛ akorɔmfo, na ɛno nti na mekae sɛ, 'Monnhaw mo ho.'"

7

Bere a polisifo tee eyi akyi no, wɔtee ase sɛ mmarima baanum no nyinaa de wɔn ho ahyɛ korɔnbɔ mu.

Polisini no de baa awiei sɛ, "Ɛyɛ adwene pa sɛ wobɛkyɛ biribiara, gye adwene bɔne!"

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Nkwaseafo baanum
Author - Chuol Dow Wich
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Kenneth Boyowa Okitikpi
Language - Akuapem Twi
Level - Longer paragraphs