Ella ne Nyansa Dua no
Nneoma Ejeagba
Nneoma Ejeagba

Wɔ kurow bi mu no, na abeawa fɛfɛ bi te hɔ a ne din de Ella.

Ná ne tenten, ne honam ani yɛ tuntum, na ne ti nhwi yɛ tuntum. Na ɔwɔ aniwa a ɛkyere adwene.

1

Ná Ella wɔ sẽ a ɛyɛ fɛ a ɛyɛ fitaa te sɛ ahwehwɛ. Na ɔyɛ abeawa ayamyefo na ɔyɛ adwumaden na ɔmfa ɔhaw mma n'awofo da.

Ade biako pɛ a ɛhaw n'awofo ne n'anigye a na ɔwɔ sɛ obehu nneɛma pii. Ɔbisaa nsɛm a ɛyɛ soronko koraa

2

Sɛ nhwɛso no, bere a ne pɛnsere bubui no, Ella bisaa ne maame sɛ, "Maame, so me pɛnsere no kɔɔ soro?"

N'awofoɔ brɛe wɔ Ella nsɛmmisa bebree ho enti ɛtɔ da bi a, wɔbu wɔn ani gu no so.

3

Nanso, Ella nuabarima Henry tie Ella nsɛmmisa bere nyinaa. Bere a osu retɔ no obisaa sɛ, "So osu a ɛretɔ wɔ mununkum no mu no resu?"

Ne nua no serewee na obuae se, "Dabi!" Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ osu tɔ bere a nsu a ɛyɛ hyew a ɛwɔ wim no yɛ nwini no.

4

Da bi, osii gyinae sɛ obefi adi akɔbɔ ne ho akɔneaba. Bere a ɔrekɔ no, ohui sɛ apɔw-mu-teɛteɛ dua bi na ebubuu ne nkorabata wɔ akwanhyia mu.

"Oo, dabi! Ɛhia oduruyɛfo," Ella kae. Anwonwasɛm ne sɛ, dua no buae. "Yiw, mihia oduruyɛfo."

5

Ella ho dwiriw no na obisae sɛ, "Wobɛyɛ dɛn atumi akasa?" Dua no buae se, "Meye dua a metumi abua wo nsemmisa nyinaa."

Ella bisaa bio sɛ, "Adɛn nti na abarimaa no ntumi nte wo?"

Dua no buae se, "Efirise wanmmisa."

6

Ella tuu mmirika kɔɔ ne nuabarima nkyɛn kɔkaa nea esii no kyerɛɛ no, wɔn baanu nyinaa tuu mmirika kɔɔ dua no ho ntɛm. Henry bisae sɛ, "So woyɛ obi ankasa?"

Dua no buae se, "Meyɛ obi ankasa." Wɔn baanu nyinaa de anigye saw.

7

Efi saa bere no, wɔanhaw wɔn awofo bio.

Bere biara a wɔwɔ asɛmmisa bi no, wɔkɔ apɔw-mu-teɛteɛ dua no ho na ɛbua wɔn nsɛmmisa.

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ella ne Nyansa Dua no
Author - Nneoma Ejeagba
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Nneoma Ejeagba
Language - Akuapem Twi
Level - Longer paragraphs