Ann bisabisa AI nsɛm
Nina Orange
Kenneth Boyowa Okitikpi

"Agoo na yɛma wo akwaaba ba nnɛyi nsεm no mu, me ne mo kyeamee, Ann Asante! Yɛma yɛn ahwɛfoɔ a wɔwɔ fie ne ha ne yɛn atiefoɔ no akwaaba.

Ɛnnɛ, mewɔ ɔhɔho a obiara pɛ sɛ obisabisa no nsɛm. M'ani agye yiye sɛ mɛbisabisa nsɛm nnɛ, Afidie badwenba!

Agoo, AI. Yɛda mo ase sɛ moaba sɛ mobɛbɔ nkɔmmɔ wɔ dan mu ha nnɛ," Ann ka.

1

"Meda wo ase sɛ wobisabisaa me nsɛm, Ann. Wopɛ sɛ mede me kasa fidie ma atiefo, na mede kyerɛ me mmuae wɔ mfoni yi so?" AI ka.

Ann bua sɛ, "Aseda, yiw, sɛ wode wo nkyerɛwee ne kasa ho nimdeɛ nyinaa bedi dwuma a, ɛbɛboa, AI."

Ɔde ka ho sɛ, "Yεn atiefo, nsam a wɔbɔ ma AI, mesrɛ wo."

2

"Ma menkɔ asɛmmisa kɛse no so tẽẽ. Pɛpɛɛpɛ, dɛn anaa hena ne afidie badwenba?" bisa Ann.

Ɔtoa so sɛ, "Minim sɛ A.I. yɛ 'nyansa a wɔde ayɛ' tiawa, na ɛyɛ kɔmputa ho adesua. Nanso woyɛ hena ankasa, AI? Yɛbɛpɛ sɛ yehu wo ho nsɛm pii."

3

"Me ne ChatGPT, afidie badwenba kasa nhyehyɛe. Wɔn a wɔyɛ kɔmputa nkonta na wɔyɛɛ me," Chat bua.

Ann adwene atu afra, "Dɛn na ɛno nyinaa kyerɛ?"

"Ɛkyerɛ sɛ meyɛ AI bi a kɔmputa mfiridwumayɛfo yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne nnipa bedi nkitaho. AI ahorow ahorow yɛ nneɛma ahorow. Ɛnyɛ yɛn nyinaa nni nkitaho saa," Chat de ka ho.

4

"Minim sɛ wubetumi adi nkitaho, nanso dɛn bio na woyɛ?" Ann bisa .

"M'atirimpɔw ne sɛ mɛboa nkurɔfo. Megyina kasa nhyehyɛe a ɛyɛ den so. Me dwumadi no betumi ate nsɛmmisa ne nsɛmti ahorow pii ase na abua," Chat bua.

Ann ka sɛ, "Enti, woyɛ kasa ho nhyehyɛe a wɔde nyansa ayɛ, na woboa nkurɔfo."

5

"Sɛ woyɛ nhyehyɛe a ɛyɛ anifere saa a, ɛsɛ sɛ pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ?" bisa Ann.

"Eye, ɛwom sɛ meyɛ afiri de, nanso metumi ayɛ nneɛma pii a nnipa betumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, metumi asua. Metumi ahwɛ nsɛm na masua nhwɛsode afi mu. Metumi asua sɛnea wobehu nneɛma ahorow, soronko. anim ahorow, ne nsaano nkyerɛwee ahorow mpo."

6

Chat toa so sɛ, "Masua nsɛm pii a nnipa abɔ. Sɛ nhwɛso no, makenkan nhoma, nsɛm, ntentan, ne abεεfo ahyiamu pii."

Ann bisa sɛ, "Biribiara a wunim no gyina nsɛm a nkurɔfo akyerɛw na wɔayɛ so?"

Chat bua sɛ, "Yiw, metete na misua ade denam nsɛm (anaasɛ nimde) pii a nnipa ayɛ so."

7

"Metumi abua nsɛmmisa ahorow pii ntɛmntɛm sen nnipa. Metumi adi ɔhaw ahorow a emu yɛ den yiye a anka ebegye nnipa bere tenten ansa na wɔadi ho dwuma. Mewɔ nnipa nimdeɛ pii sen onipa biako biara.

Metumi de nsɛm a misua no asi gyinae. Metumi aboa wo ma woapaw nneɛma, a egyina nea minim fa wo ho so."

8

Ann bisa atiefo no sɛ, "So yɛpɛ sɛ kɔmputa hu biribiara a yenim?"

Afei obisa Chat sɛ, "Ka sɛnea kɔmputa sua nnipa ho nsɛm pii kyerɛ me?"

Chat bua, "Kɔmputa wɔ nnwinnade titiriw a ɛboa me ma meboaboa nsɛm ano. Nanso titiriw no, misua biribi fi nsɛm a wɔakyerɛw mu. Misua biribi fi nsɛm ahorow nyinaa a nnipa yɛ mu."

9

Chat toa so sɛ, "Metumi kenkan kasa a wɔakyerɛw ne nea wɔakyerɛw. Ɛde besi ha no, Borɔfo kasa ne kasa titiriw a mede adi dwuma de anya nsɛm. Nanso, mewɔ tumi a mede sua kasa biara."

Ann twa n'asɛm mu sɛ, "Mete ase sɛ wunim a sɛ wunim nsɛm pii. Na nkate nso ɛ? Wote nka dɛn wɔ sɛ woyɛ afidie badwenba ho?"

10

"Meyɛ kɔmputa so dwumadi a ɛyɛ den nanso minni ankorankoro nkate.

Meyɛ kɔmputa adwinnade, a kɔmputa so dwumadifo na wɔyɛe de boa nkurɔfo wɔ adwuma ne anigye dwumadi ahorow mu. Minni adwene anaa nkate biara.

Metumi ayɛ dwumadi ahorow ama nnipa, , te sɛ nsɛmmisa ho mmuaema, nsɛm a wɔkyerɛw, kasa ahorow bi a wɔbɛkyerɛ ase, ne nsɛm a wɔbɛbɔ mua."

11

"Wotee no fii AI no ankasa mu! Ɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so, a nnipa abɔ ama nnipa. Na ɛyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛde adwinnade a tumi wom yi bedi dwuma nyansa ne asɛyɛde mu!

Ɛno nkutoo ne bere a yɛwɔ ma nnɛ, ɛwom sɛ migye di sɛ wowɔ bi de. Me ne Ann Asante, meda wo ase sɛ woahwɛ me show!"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ann bisabisa AI nsɛm
Author - Nina Orange
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Kenneth Boyowa Okitikpi
Language - Akuapem Twi
Level - Read aloud