Ɔhene bɔne
Alice Nakasango
Marleen Visser

Ná abirekyie yɛ mmoa ne nnomaa hene.

Ɔfrɛɛ nhyiamu.

1

Abirekyie ka kyerɛɛ wɔn sɛ waso daeɛ.

Wɔn nyinaa tiee

2

Na daeɛ no fa ɔkɔm ho.

"Dɛn na yɛbɛyɛ?" Ͻkra biseɛ.

3

Akokɔ bedeε ne Dabodabo kaa sɛ, "Momma yɛmfa aduan nsie ɔhene no sotɔɔ mu."

4

Ɔhene Abirekyie kaa sɛ, "Monkyekyere obiara a ɔnyɛ osetie."

5

Bere dui sɛ wɔpaw ɔhene foforo.

Wɔpaw Ͻkra.

6

Abirekyie mpɛ Ͻkra sɛ ɔhene.

"Me ne ɔhene," Abirekyie de abufuo kaa saa.

7

Abirekyie annye aduane no.

Nantwie bisaa sɛ, "Dɛn na yɛbɛyɛ?"

8

Mmoa ne nnomaa no boom kasaeε.

Wɔn bo fue Abirekyie.

9

Ͻkraman kaa sɛ, "Na me ne no wɔ hɔ bere nyinaa bere a na ɔyɛ ɔhene no."

10

Odwan kaa sɛ, "Mede me nwoma fɛεfɛ maa ne mma bere a na ɔyɛ ɔhene no."

11

Prako teɛɛm sɛ, "Bere a na ɔyɛ ɔhene no, na mehwɛ ne turo so."

12

"So Abirekyie susu sɛ ɔbɛyɛ ɔhene daa?" Odwan bisaa.

13

Mmoa no penee so sɛ ɛsɛ sɛ Abirekyie de aduane kɔma ɔhene Ͻkra.

14

Mmoa no hunuu Abirekyie sɛ ɔregye n'ahome.

"Mɛyɛ ɔhene daa."

15

"Yɛbɛkyekyere wo na yɛde wo akɔ ɔhene foforo no nkyɛn."

16

Nantwie twee Abirekyie kɔɔ ɔhene ahemfie.

Afoforo nso bɔɔ ose.

17

Ɛno nti na Abirekyie poo sɛ wɔbɛkeka ne ho bere a wɔtwee wɔn no.

18
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔhene bɔne
Author - Alice Nakasango
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Marleen Visser
Language - Asante Twi
Level - First words