Jaaka ɔpofoni no
Tom Sabwa
Zablon Alex Nguku

Wei ne Jaaka ɔpofoni a ofi Naminya.

1

Oyi mpataa wɔ asubɔnten Nile so.

2

Ɔwɔ hyɛmma, mpataayi asau ne som.

3

Bere nyinaa ɔsɔre anɔpatutuutu paa kɔkyere Nile asubɔnten mpataa no.

4

Bɛyɛ anɔpa nnɔn du no, ɔretɔn nea wakyere wɔ Jinja mfinimfini dwa so.

5

Jaaka dɛn na esii? So na ɛyɛ adehwere?

Odi awerɛ ho paa.

6

"Ɛnnɛ tebea no nye. Nile mframa no amma me kwan sɛ mɛyi mpataa. Na mpataa baako de me som dwane kɔe."

7

"Nanso mewɔ anidaso sɛ ɔkyena bɛyɛ papa, efisɛ matɔ som foforo."

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Jaaka ɔpofoni no
Author - Tom Sabwa, Children’s Development Center at Masese
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Zablon Alex Nguku
Language - Asante Twi
Level - First sentences