Ɔkra ne Ɔkraman ne kosua
Elke and René Leisink
Elke and René Leisink

Wei ne Ͻkra.

Wei ne Ɔkraman.

1

Ɔkra ne Ɔkraman nantee.

Wɔnam wɔn akuraa ase.

2

Afei wohu kosua bi.

Kosua no wɔ serε no mu.

Kosua no nkutoo na ɛwɔ serε no mu.

Kosua no nkutoo na ɛwɔ hɔ.

3

Ɔkra ne Ɔkraman nantee kɔ anomaa bi nkyɛn.

Wobisa anomaa no se, "Wo nkosua nei?"

4

Nanso anomaa no se, "Dabi, ɛnyɛ me nkosua. Bisa ɔpatuo no.

Ebia ɛyɛ ne nkosua."

5

Ɔkra ne Ɔkraman nantew kɔ ɔpatuo no nkyɛn.

Wobisa ɔpatuo no sɛ, "So wei ne wo nkosua?"

6

Nanso ɔpatuo no se, "Dabi, ɛnyɛ me nkosua no. Bisa goose no.

Ebia ɛyɛ ne nkosua."

7

Ɔkra ne Ɔkraman nantee kɔ goose no nkyɛn.

Wobisa goose no sɛ, "So wei yε wo nkosua?"

8

Nanso goose no se, "Dabi, ɛnyɛ me nkosua no.

Bisa dabodabo mmienu no. Ebia ɛyɛ wɔn nkosua."

9

Ɔkra ne Ɔkraman nantee kɔ dabodabo mmienu no nkyɛn.

Wobisa dabodabo mmienu no se, "So wei yε mo nkosua?"

10

Nanso dabodabo mmienu no ka sɛ, "Dabi, ɛnyɛ yɛn nkosua no."

Afei ɛnkosua no mu bubue.

11

Nkoterε bi wɔ nkosua no mu.

Nkoterε ba.

12

Koterε ba no se, "Me maame wɔ he? Me papa wɔ he? Me maame ne me papa wɔ he?"

Ɔkra ne Ɔkraman de Koterε ba no brɛ ne maame ne ne papa.

13

Bye bye Ͻkra.

Bye bye Ͻkraman.

Bye bye Koterε ba.

14

"Me maame ne me papa wɔ he?"

15
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔkra ne Ɔkraman ne kosua
Author - Elke and René Leisink
Translation - Edward Addo-Yobo
Illustration - Elke and René Leisink
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs