Mmofra anigye agorɔ ho
Annet Ssebaggala
Catherine Groenewald

Mmarimaa nkumaa ani gye bɔɔlbɔ ho.

1

M'ani gye ahoma a wɔde huri ho.

2

Anna ne Sam ani gye ho sɛ wɔne nkokɔ bedi agorɔ berε a wɔma wɔn aduan no.

3

Mmarimaa binom ani gye ho sɛ wobedi agorɔ a wɔde sie.

4

Salim ani gye mmirikatuo ho.

5

Maayewa ani gye asuguare ho.

6

Elsie ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ apɔtrɔ ahurihuri.

7

Mmabaa binom ani gye ho sɛ wɔde nsuo bedi agorɔ.

8

Nelly ani gye ho sɛ ɔbɛtwetwe nneɛma.

9

Mmofra nso ani gye ho sɛ wobedi ayeforɔhyia agodie.

10

Keziah ne Dona ani gye ho sɛ wɔde abaduaba bedi agorɔ.

11

Na wo ɛ?

So w'ani gye agodie ho?

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mmofra anigye agorɔ ho
Author - Annet Ssebaggala
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Catherine Groenewald, Mlungisi Dlamini, Rob Owen, Sue Kramer, Wiehan de Jager
Language - Asante Twi
Level - First sentences