

Bere tenten a atwam no na Akokɔ bedeε ne Ɔkɔdeε yɛ nnamfoɔ.
Da bi, Ɔkɔdeε huu Akokɔ wɔ dua bi ase sɛ ɔde ne kotokuo a ɔde tɔ nneɛma regye n'ahome. Ná Akokɔ gyina ne nan baako so.
Ɔkɔdeε bisaa Akokɔ bedeε sɛ, "Wo nan baako no wɔ he?"
Akokɔ bedeε ka kyerɛɛ Ͻkɔdeε sɛ, "Sotɔɔ wura no twaa me nan baako na ɔde saa nneɛma yi maa me de tuaa ka."
Ɔkɔdeε bisaa Akokɔ bedeε sɛ ebia ononso betumi ayɛ saa anaa. Ná ɔpɛ kotoku a wɔde nneɛma a wɔtɔn nso.
Akokɔ bedeε penee so.
Ɔkɔdeε kɔɔ sotɔɔ wura no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ontwa ne nan baako mfa nnye nneɛma a ɔbɛtɔ.
Sotɔɔ wura no gye toom.
Ɔkɔdeε no hurihuri faa ne nan baako so koduru fie.
Nanso n'ani gyee nneɛma a sotɔɔ wura no de maa no no ho.
Bere a Ɔkɔdeε duru fie no, ohunu sɛ Akokɔ bedeε nan mmienu no ne nyinaa wɔ hɔ.
Ͻkɔdeε bo fueε kɛse na ɔtaa Akokɔ bedeε so. Nanso wantumi ankye no.
Ɛno nti na, Ɔkɔdeε rehwehwɛ Akokɔ mma bere nyinaa akye wɔn.

