

Wɔ akuraa bi ase no, na abarimaa kumaa bi wɔ hɔ a ne din de Abula.
Ná n'ani nnye akenkan anaa mpo sɛ obebue nhoma bi mu. Ná ɔyɛ osuani a ɔyɛ akwadworɔ.
Abula wiaa ne maame sika de tɔɔ nnɔkɔnnɔkɔdeε. Bere a ɔde ne sika siei mpo no, ohui na ɔfaa.
Sɛ Abula di ne nnɔkɔnnɔkɔdeε nyinaa wie a, na ɔne ne nnamfonom di agorɔ.
Bere bi akyi no, Abula gyaee sukuukɔ. Ɔtraa abɔnten dii agorɔ da mũ no nyinaa, na na ɔsan kɔ fie anwummere nkutoo.
Abula maame huu no na ɛha no.
"Yɛn ba barima no nnyɛ n'adeε yiye. Minsusu sɛ ɔrekɔ sukuu. Ɔrewia sika nso afiri me nkyεn," Abula maame kae.
Ne papa kakyerε ne yere sε, "Seisei fa wo sika no hyε nwoma mu na megyidi sεwo sika no nyera bio efirisε ɔmpε akenkan nti."
Adeε kye no, Abula hwehwε ne maame sika biabiara nanso wanhunu hwee.
Afei wɔte sii abɔnten sε wɔ kɔ hwehwε sika wɔ dwom.
Ne papa hunu Abula sε worekɔ dwom.
"Me ba, menim deεnti a worekɔ. San wakyi kɔhwehwε εnwoma mu na wobεhu sika."
Abula ho dwiriw no, nanso ɔkɔɔ hɔ kɔhwehwɛɛ nhoma ahorow no mu.
Ohuu sika a ne maame de asie no.
Adeεkyieε no, ɔsan kɔ hwehwεε nwoma nomu bio nanso wanya sika biara.
Na ɔsan kɔɔ ne Papa nkyεn kɔbisaa no deεnti a wahunu sika wɔ nwoma no mu.
Ne papa serewee na obuae sɛ, "Me ba, wopɛ sɛ wunya sika a ɛbɛtɔ nnɔkɔnnɔkɔwade pii?"
Abula buae se, "Nokwarem, agya."
Ne papa kaa sε, "Tie me yie. Kenkan wo nwoma na kɔ sukuu dabiara. Na wobεhu sukuu so mfasoɔ pii. Mεma wabamu nbu."
Abula bua nosε, "Papa, akenkan yεden. Nwoma yε aniha!"
Abula papa yεεkom meretiawa bi. Na ɔdwendwen kwan a ɔbεfa so akyerεkyerε no akenkan.
Afei ɔka kyerε Abula sε, "Bra na yεn kenkan mbɔ mu. Mε kyerεwo εkwan a wobε nya mfasoɔ afiri nwoma mu."

